41 SAKARIA NE ELISABET
‘Ná Wɔteɛ Wɔ Onyankopɔn Anim’
ASƆFO a na efi Aaron abusua mu no, na wɔdɔɔso paa. Enti asɔfo no bi wɔ hɔ a, sɛ wɔnya kwan hyew aduhuam wɔ sika kɔkɔɔ afɔremuka no so wɔ asɔrefie no kronkronbea hɔ a, ebetumi aba sɛ wɔrennya saa hokwan no bio na wɔawu. Ná Sakaria ka saa abusua no ho, na da koro, na aduru ne so sɛ ɔhyew aduhuam wɔ kronkronbea hɔ, enti na adagyew nnim koraa. Wutumi hu sɛ, saa da no de, na ɛbɛyɛ anigye da ama Sakaria ne ne yere Elisabet.
Ná Sakaria ne Elisabet aware mfe pii, na na wɔahu Yehowa nhyira bebree wɔ wɔn asetena mu. Bible ka sɛ, na ‘wɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim.’ Nanso na aka ade baako a wɔrehwɛ anim kwan denneennen, ɛne sɛ na wɔrepɛ mma, na na Sakaria ne Elisabet “anyinyin paa.” Enti na ayɛ te sɛ nea anidaso biara nni hɔ mma wɔn. Saa bere no, na awo yɛ biribi a ɛho hia Onyankopɔn nkurɔfo paa. Nanso wɔampa abaw, wɔkɔɔ so ara bɔɔ Onyankopɔn mpae, efisɛ na wɔnim sɛ biribiara nso Onyankopɔn yɛ.
Da a Sakaria rekɔhyew aduhuam no, ɔno nko ara wuraa kronkronbea hɔ; ná ɛhɔ so paa. Saa bere no, na nnipa pii nso wɔ asɔrefie no abɔnten rebɔ mpae. Nea Sakaria hui ara ne sɛ obi abepue ne so prɛko pɛ wɔ sika kɔkɔɔ afɔremuka no nkyɛn. Ná ɛyɛ Yehowa bɔfo! Ɔka kyerɛɛ Sakaria sɛ Onyankopɔn atie ne mpaebɔ, enti ɔbɛma ne yere Elisabet awo babarima, na ɛsɛ sɛ wɔto abofra no din Yohane. Ɔbɔfo no kaa sɛ abofra no nyin a, obenya “Elia honhom ne ne tumi.” Afei nso ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ adwuma kɛse bi, ɛne sɛ, ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔasesa afi wɔn akwammɔne ho.
Asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Sakaria no, na onnye nni sɛ ɛbɛba mu. Enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ, ɔmma no adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛba mu. Asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Sakaria no ma yehu nea enti a anka ɛnsɛ sɛ ɔma n’adwenem yɛ no naa. Ɔkaa sɛ: “Mene Gabriel, nea ogyina Onyankopɔn anim.” Ɔbɔfo a Yehowa asoma no afi soro de, ɛbɛyɛ dɛn na waka asɛm a ɛremma mu? Nea Sakaria kae no nti, ɔbɔfo no kaa sɛ ɔbɛtɔre mum akɔpem sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ a ɔde bae no nyinaa bɛbam. Ampa-ne-ampa ara, bere a Sakaria pue fii kronkronbea hɔ bae no, na ontumi nkasa. Ne nsa na ɔde yɛɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ wɔn nea esii.
Ná akwakoraa ne aberewa bi repɛ ba nso wɔnnya; nanso da koro wɔnyaa nkra fii ɔbɔfo bi hɔ, na ɛsesaa wɔn abrabɔ
Akyiri yi, ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa kwan bi so maa ne yere Elisabet huu nea asi, na ɔma ohui sɛ obenyinsɛn. Ampa ara, “nna bi akyi no,” Elisabet nyinsɛnee. Ɔde ne ho siei abosome nnum. Nanso ɛrekɔ abosome nsia no, ne busuani bi bɛsraa no. Ná ɛyɛ Heli babea Maria a ofi Nasaret. Bere a Maria wuraa fie hɔ ara pɛ, abofra a ɔhyɛ Elisabet yam no de anigye huruwii. Honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, enti ɔkaa sɛ Maria yɛ ne “wura maame.” Efisɛ ohui sɛ Maria anyinsɛn, na abofra a ɔbɛwo no no, ɔno na ɔbɛyɛ Mesia no. Elisabet amma hokwan a Maria anya no anhaw no. Mmom ɔhyɛɛ Maria nkuran, na ɔma ohui sɛ nea Yehowa de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ no, Yehowa bɛboa no ama watumi ayɛ.
Akyiri yi, Elisabet woe, na n’abusuafo ne ne mpɔtamfo a wɔwɔ ne nkyɛn no yɛe sɛ wɔbɛma wɔde abofra no ato ne papa. Nanso Elisabet kaa sɛ, “Daabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” Adɛn nti na Elisabet ampene so? Efisɛ na onim sɛ ɔbɔfo Gabriel aka akyerɛ ne kunu sɛ, ‘ɛsɛ sɛ wɔto ne din Yohane.’ Nanso nea Elisabet ka kyerɛɛ wɔn no, wɔante ase. Enti wɔyɛe sɛ wɔbebisa Sakaria. Saa bere no nyinaa, na Sakaria ntumi nkasae. Enti ogyee biribi kyerɛw so sɛ: “Ne din de Yohane.” Amonom hɔ ara, ofii ase kasae.
Ɛnna honhom kronkron hyɛɛ Sakaria ma, na ofii ase hyɛɛ nkɔm. Nsɛm a ɔkae no, na ɛma anidaso. Ɔkaa sɛ Onyankopɔn behu ne nkurɔfo mmɔbɔ na wagye wɔn. Ɔtoaa so sɛ ne ba Yohane bedi “Yehowa anim akosiesie n’akwan.” Na ampa ara nso saa na ɛbae. Ansa na Yesu a ɔyɛ Mesia no refi ase aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no, Yohane Suboni besiesiee kwan mu maa no, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betie no.
Bere a Mesia no nnya mmae no, Onyankopɔn nkurɔfo pii nyaa akokoduru faa akode ne Yehowa atamfo a ɛwɔ asaase so de sii ani. Afei a Mesia no aba no de, na nneɛma rebɛsesa koraa, efisɛ Yehowa remma n’asomfo a wɔwɔ asaase so no nkɔ ako bio. Nanso wɔn atamfo a wɔne wɔn renko bio no nkyerɛ sɛ wɔrenhia akokoduru bio. Mmom wɔn a wɔbegye Mesia no atom no behia akokoduru a wɔde beyi Yehowa ayɛ na wɔaka Yesu Kristo ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Sɛ wɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ wɔresuasua Sakaria ne Elisabet.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Elisabet ne Sakaria yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ná Sakaria ne Elisabet yɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. Ɛnde adɛn nti na Bible kaa sɛ na wɔyɛ nnipa a “asɛm biara nni wɔn ho”? (Luka 1:6; it “Obi a Asɛm Biara Nni Ne Ho” ¶2-wcgr)
2. Gabriel ho nsɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu? (it “Gabriel” ¶2-3-wcgr) A
Mfoni A
Mfoni A
3. Gabriel ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ɔnto ne ba no din Yohane. Edin Yohane no kyerɛ sɛn? (it “Yohane” ¶1-wcgr)
4. Bere a Sakaria tɔree mum no, n’aso nso siwii anaa? (w08 3/15 30 ¶6)
Dɛn Na Woasua?
Sakaria bere so no, na Yudafo mpanyimfo a wɔfrɛ wɔn rabifo no kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ ɔbarima bi yere nwo a, ɔwɔ hokwan sɛ ogyaa no aware. Nanso Sakaria de, wannyaa ne yere. Dɛn na awarefo betumi asua afi ne hɔ? B
Mfoni B
Bere a Elisabet kunu kyerɛɛ no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, ne mpɔtamfo ne n’abusuafo kaa sɛ ɔnyɛ biribi foforo, nanso otiee ne kunu. (Luka 1:58-61) Dɛn na ɔyerenom betumi asua afi mu?
Akokoduru a na Sakaria ne Elisabet wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Sakaria ne Elisabet ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?a
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ sɛnea Sakaria san kasae bio na oyii Yehowa ayɛ.
Bere a Maria kɔsraa Elisabet no, Yehowa nam Elisabet so hyɛɛ no nkuran. Dɛn na yebetumi asua afi mu?
a Sɛ Sakaria ne Elisabet wui ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. reba a, ɛnde wɔbenya owusɔre atena asaase so.