Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 1/8 kr. 21-24
  • Paradise—Biribi a Wɔde Adwene Bu Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise—Biribi a Wɔde Adwene Bu Ara Kwa?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Pasifik Paradise”
  • Paradise Ankasa?
  • Nea Wogyina So Nya Anidaso
  • Onyankopɔn Ahenni De Ogye Ba
  • Paradise Akyi Kwan a Wobɛhwehwɛ
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • So Paradise Ankasa Bi Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1982
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 1/8 kr. 21-24

Paradise​—Biribi a Wɔde Adwene Bu Ara Kwa?

Efi Hawaii “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

WIM a atew hann, mpoano anhwea a emu ayɛ hyew kakra, asorɔkye a ɛrebɔ​—so paradise ho adwene a wowɔ nen? Kube nhaban a ɛrehinhim brɛoo, mmepɔw a nnua ayɛ so tumm, asuten a efi mmepɔw so gu fam, nyankontɔn a ɛyɛ fɛ, owia a ɛrekɔtɔ​—paradise ho mfonini a wɔtaa yɛ nen.

Ɛwom, ebia ɛnyɛ adwene a obiara benya wɔ paradise ho nen. Ababaa bi a ɔsan kɔtraa Pasifik supɔw bi so de anigyina kae sɛ: “Mekae twabere a wim ayɛ fɔmm a nhaban nyinaa abere kɔɔ no. Mekae anadwo a ɛyɛ awɔw bere a sukyerɛma ama biribiara afɔw no nso.”

Ɛwom sɛ ɛsono paradise ho mfonini a ɛba obiara adwenem de, nanso nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a obiara ani begye ho. Biako ne sɛ wubehu sɛ w’adɔfo ka wo ho wɔ hɔ. Foforo nso ne sɛ wobɛte nka sɛ wowɔ asomdwoe ne ahotɔ, yiw, sɛ́ wobeyi ɔhaw ahorow a ɛwɔ yɛn mprempren asetra yi mu no afi hɔ.

Nanso so ntease wom sɛ wubegye adi sɛ wobetumi anya paradise nnɛ? So baabi a Onyankopɔn nsaano adwuma a ɛyɛ fɛ wɔ a ɛhɔ tebea no nsɛee a obi betu akɔ hɔ ne ano aduru?

“Pasifik Paradise”

Ɛwom sɛ mmeae ahorow pii wɔ wiase a nsrahwɛfo ani gye ho a wɔka sɛ ɛte sɛ paradise de, nanso Hawaii yɛ beae a nnipa pii ani gye hɔ. Ɛnnɛ nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem anan na wɔkɔhwɛ Hawaii afe biara na ama agye din sɛ “Pasifik Paradise.”

Nea nnipa a wɔba ha nsrahwɛ no mu pii hu no ma wɔn ani gye​—mmepɔw a ɛyɛ fɛ, abotan ahorow, nsuten a efi mmepɔw so gu fam; ɛpo a ani ayɛ bruu ne mpoano anhwea fitaa; nhwiren a ɛyɛ huam ne nnuaba ahorow; ɛhɔ wim tebea; ne ɛhɔfo adamfofa su no.

Nsupɔw ahorow a ɛwɔ Hawaii no mu biara wɔ biribi soronko a ɛyɛ fɛ. Sɛ nhwɛso no, Kauai wɔ nea ɛma wɔn a wɔba hɔ no ani gye. Saa ara na ɛte wɔ Oahu nso ho. Ɛyɛ Hawaii supɔw a wɔfrɛ no Big Island no so na ogya mmepɔw abien a ɛso sen biara wɔ wiase no wɔ​—wɔfrɛ no Kilauea ne Mauna Loa. Baabiara a wobɛfa no, wuhu nneɛma ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwonwa.

Nanso twɛn! Ansa na wobɛboaboa wo nneɛma ano na wo ne w’abusua atu aba ha no, susuw eyi ho: So nea wobɛhwɛ kwan wɔ paradise no ara ne nea wuhu wɔ Hawaii no? Fa no sɛ ɛwɔ abɔde mu nneɛma ahorow a ɛyɛ fɛ ampa, nanso so wobɛka sɛ Hawaii yɛ paradise ankasa?

Paradise Ankasa?

Obi a ne nananom yɛ Japanfo kae sɛ: “Ebia na ɛte saa kan no. Nanso mprempren de ɔhaw ahorow a ɛwɔ baabiara no bi wɔ ha​—lɔre a adɔɔso dodo, nkyereso, efĩ ne nsɛmmɔnedi.” Sɛ abusua ti ne agya a ɔwɔ mma baasa no, ose: “Adwuma a wonnya nyɛ ne nneɛma bo a ayɛ den no ma ɛyɛ den sɛ wubetumi ahwɛ w’abusua. Korɔnbɔ ne nsɛmmɔnedi nso ka dadwene no ho.”

Obi a ne fã fi China a ɔyɛ adwumawura a watu kwan akɔ Apuei Fam, United States ne mmeae afoforo no se: “Sɛ mede toto mmeae ahorow pii a makɔ no ho a, na ɛha ye. Nanso, kan Hawaii asetra a ɔhaw ahorow biara nnim no nni hɔ bio.” Ɔtoa so sɛ: “Bere a na meyɛ abarimaa no, na me ne me mfɛfo taa kɔsra afoforo. Obiara ne afoforo kyɛɛ nea ɔwɔ na na obiara ntow ne pon mu. Nanso ɛnte saa bio. Ɛnnɛ nkurɔfo suro kɛse.” Afei bere a ɔreka biribi a wɔntaa nka ho asɛm ho asɛm no, ose: “Nea ɛrepira Hawaiifo a wɔwɔ ho nnɛ ankasa ne nnuru asɛm a adɔɔso no. Ebia eyi fi ɛha wim tebea no ne nnɛyi wiase no mu ɔhaw ahorow no.”

Nsɛm a ɛtete sɛɛ ma wuhu nea ɛrekɔ so wɔ Hawaii ne mmeae afoforo a ɛte sɛ “paradise” wɔ wiase no. Nnipa a wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya asetra a eye mu anigye akɔhyɛ nsupɔw ahorow yi so. Na nea eyi de aba ne ɔhaw ahorow a nnipa a wɔadɔɔso wɔ Hawaii ne sikasɛm nhyehyɛe a emu ayɛ den ne sɛnea asase no ankasa te a ɛresɛe no ka ho.

Ampa abɔde mu nneɛma ahorow a wɔsɛe no ne nneɛma afoforo a ɛte saa ama asase so nyinaa asɛe. Nsɛmmɔnedi, nnubɔne, ne nkyereso ama asetra asɛe wɔ nkurow akɛse mu wɔ wiase nyinaa. Ɔyare, onyin, ne owu ka nkurɔfo wɔ baabiara.

Ɛda adi sɛ paradise ankasa hwehwɛ nea ɛsen beae bi a ɛhɔ yɛ fɛ ara kwa. Ɛyɛ nnipa a wɔwɔ hɔ ne wɔn asetra na ɛma beae bi a ɛhɔ yɛ fɛ yɛ paradise. Ebia wote baabi a ɛhɔ yɛ fɛ sen biara wɔ wiase, nanso sɛ nsɛmmɔnedi, adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma bo a ɛkɔ soro, ne ɔhaw afoforo a ɛte saa wɔ hɔ a, ɛnyɛ nea wote paradise ankasa.

So eyi kyerɛ sɛ paradise ankasa a wobenya atra yɛ adaeso ara kwa, biribi a wɔde adwene na ebu? So wiase nyinaa paradise bi bɛba ampa?

Nea Wogyina So Nya Anidaso

Nokwasɛm no ne sɛ anidaso a nnipa pii wɔ wɔ wiase nyinaa paradise ho no mu yɛ den. Wɔ wɔn fam no, asɛm a Yesu Kristo kae mfehaha a atwam ni no da so ara yɛ nea wɔn ani gye ho te sɛ bere a odii kan kae no: “Wobɛka me ho paradise.”​—Luka 23:43.

So eyi yɛ biribi a wɔn yam a anka wɔanya ara kwa? Dɛn ne Paradise a Yesu hyɛɛ ho bɔ no? Na ɔkwan bɛn so na ɛbɛba?

Yesu na ɔde eyi hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo bi a na wɔasɛn no wɔ dua so a na ɛda adi sɛ wanya adwensakra bɔ. Ɔdebɔneyɛfo no fi ne komam kae sɛ: “Yesu sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Yesu bua see no sɛ: “Nokware mise [wo nnɛ,] wobɛka me ho paradise hɔ.”​—Luka 23:40-43.

So wohyɛɛ nea ɛyɛ Paradise ano safe no nsow wɔ nkɔmmɔbɔ yi mu? Yesu anka ankyerɛ ɔdebɔneyɛfo no sɛ ɔwɔ ɔkra bi a enwu a ebefi akɔ Paradise bi mu wɔ wiase foforo bi mu saa da no. Na ɛsɛ sɛ Yesu ankasa mpo twɛn na Onyankopɔn anyan no nnansa akyi. Mmom no, na Yesu retwe adwene asi paradise bi a ɛbɛba asase so daakye bi, bere a waba Ahenni tumi mu no so. Yiw, Paradise ano safe ne Onyankopɔn Ahenni no, nea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae sɛ, “W’ahenni mmra” no.​—Mateo 6:10.

Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no bɛfa de wiase nyinaa paradise aba? So ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobegye adi sɛ ebetumi ayɛ saa a ahenni afoforo ne nniso ahorow antumi anyɛ saa no?

Onyankopɔn Ahenni De Ogye Ba

Bible no kyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn Ahenni no bɛfa so asan de Paradise aba asase so. Bere a Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm rehwɛ saa bere no kwan no, ɛka nea ebedi kan aba ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, . . . na woasɛe wɔn a wɔsɛe asase no.”​—Adiyisɛm 11:17, 18.

Sɛ Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan a amanaman no afa so asɛe mframa, nsu ne asase no denam wɔn pɛsɛmenkominya mfaso ahorow a wɔpɛ ne mogyahwiegu akodi ahorow no so no a, ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɔbɛma ne bo afuw na wasiw adeyɛ a nyansa nnim yi ano. Ɛno nti na ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ ansa na aka akyi no. Eyi bɛma asase no anya kwan de nkakrankakra asan aba ne paradise tebea no mu bio.

Ahenni no bedi nsɛmmɔnedi a ɛsɛe ahotɔ ne anigye a ɛho hia wɔ Paradise no nso ho dwuma. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.” Wɔ Ahenni no nniso ase no, obiara bɛyɛ adamfo ne ofipamfo pa. Nsafe, nkrado, ne polisifo ho renhia bio. Bible no hyɛ bɔ sɛ, ‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’​—Dwom 37:9, 11.

Onyin, ɔyare, ne owu​—ɛbɛyɛ nneɛma a atwam. Odiyifo Yesaia ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare’” “Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Yesaia 33:24, NW; Adiyisɛm 21:4.

Na nneɛma atitiriw a onipa hia te sɛ aduan, dabere, ne adwuma nso ɛ? Ɛnnɛ aduankɔm ka nnipa ɔpepem pii. Adesamma fã kɛse no ara aba tebea a ɛyɛ awerɛhow mu. Sɛ wiase nyinaa paradise bɛba a, ɛsɛ sɛ woyi ɔhaw ahorow yi fi hɔ. So Ahenni no betumi ayɛ eyi? Tie sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Ahenni no nniso ase ho asɛm a ɛyɛ nwonwa a wɔka yi:

“Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa no adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.”​—Yesaia 65:21-23.

So ɛnyɛ eyi na wobɛhwɛ kwan wɔ Paradise? Eyi ne nsɛm afoforo a ɛyɛ anigye a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no nyɛ anansesɛm anaa adaeso ara kwa! Bere a Bible no ka Ahenni no nhyira yi ho asɛm no, ɛtaa de asɛm “asafo [Yehowa] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi” no ka ho. (Yesaia 9:7; 37:32) Eyi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn a otumi ma ‘ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ’ no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa. (Dwom 145:16) Yiw, sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, ɛrenkyɛ na wiase nyinaa paradise anidaso no abam.

Paradise Akyi Kwan a Wobɛhwehwɛ

Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye daakye paradise a ɛbɛba asase so ho anidaso no adi. Ebia wobɛte nka mpo sɛ ɛrentumi nyɛ nokware. Nanso fi a yefi awosu mu pɛ asomdwoe ne anigye no ma yehu sɛ ɛnyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛhwɛ Paradise kwan. Yɛn Bɔfo no a ɔde nneɛma yi ho akɔnnɔ hyɛɛ yɛn mu no akyerɛ yɛn ɔkwan a saa anidaso no bɛfa so abam.

Nsɛm a esisi wɔ wiase ne Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu kyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn bɛsan de Paradise aba asase nyinaa so no abɛn. Enti sɛ́ wode w’adwene bebu ara kwa anaasɛ wobɛsɛe wo bere ne wo sika de ahwehwɛ wɔ w’ankasa kwan so no, gye bere na bɔ mmɔden hu nea Bible no ka wɔ asɛm no ho mmom.

Yesu Kristo daa nea wogyina so nya anigye wɔ paradise ankasa no adi bere a ɔkaa eyi no: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Onyankopɔn apɛde ho nokware nimdeɛ a wubenya na woatra ase ma ɛne no ahyia nkutoo ne ɔkwan a obi bɛfa so ahu Paradise anidaso no mmamu. So woreyɛ saa?

[Kratafa 24 mfoni]

Supɔw a ɛte sɛ paradise a nneyɛe a enye ama so asɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena