Awerɛkyekye Ma Obi A Onu Ne Ho
SO WOAYƐ bɔne a anibere wom bi a akyiri yi wudii yaw kɛse wɔ ho pɛn? Ebetumi ato Onyankopɔn asomfo a wɔakyɛ mpo. Ɔhene Dawid a na ɔwɔ Israel no sɛee aware, nanso bere a ɔdaa ahonu ankasa adi no, Onyankopɔn de firii no na osoo ne mu wɔ mfe a emu yɛ den a edii akyi bae no mu.—2 Samuel 11:2-4; 12:13.
Sɛ woayɛ bɔne a anibere wom a, ɛhe na wubetumi anya mmoa ne awerɛkyekye? Ababaa bi a na afei ara na wafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no osuahu no yɛ eyi ho nhwɛso. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Na m’awofo ani nnye nyamesom ho. Na m’agya taa ka nyaatwom kɛse a ɛwɔ asɔre ahorow a ɔno ankasa ayɛ mu nhwehwɛmu no ho asɛm. Nanso ɔkyerɛkyerɛɛ me ne me nuanom mmarima baanu no sɛ yɛnyɛ nnipa pa. M’agya ne me kasae pii na ɔkyerɛɛ me sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ nea ɛwɔ hɔ ma awarefo nkutoo. Na ɔyɛ onipa pa sɛ. Bere a owui wɔ 1967 mu no, ɛhaw yɛn abusua no kɛse.
“Mfirihyia asia akyi no, me ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no. Nanso wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, me Bible adesua no mu twae bere a adwuma a meyɛ no nti mekɔɔ England no. Ɛhɔ na m’ani begyee me yɔnko odwumayɛni bi ho na ankyɛ na ɔkae sɛ ɔbɛware me.
“Nanso dɛn na ɛbɛba bere a ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree a wɔn ani gye wɔn ho wɔn ho ho kɛse nkutoo wɔ ahɔho dan bi a nhwiren a ɛyɛ huam ayɛ mframa mu ma wɔ hɔ na akanea a ɛwɔ hɔ no ano nyɛ den pii na wɔrebɔ nnwom a ɛkɔ bɔkɔɔ a nsa ahorow pii wɔ hɔ no? Nea edi kan no, mususo mo ho mu, afei mfewano, na mufi ade biako so kɔ foforo so ntɛm ara. Afei, ansa na w’ani bɛba wo ho so no . . .
“Saa bere no na minnim nea Bible no ka wɔ aguamammɔ ho ankasa, ɛwom sɛ na misusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛmpene so de. Nanso na mekae nea m’awofo akyerɛkyerɛ me no yiye. M’ahonim fii ase haw me kɛse. M’ani wui na ɛyɛɛ me yaw kɛse. Wɔ bɛyɛ adapɛn abien ntam no, midwen ho araa ma afei de na mintumi nyɛ me ho hwee. Ná mintumi nhu me gyinabea wɔ Yehowa anim, na na eyi haw me.
“Awiei koraa no, misii me bo sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ m’adamfo Robin a na me ne ne yere ayɛ nhyehyɛe sɛ me ne no bɛtoa me Bible adesua no so no. Na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo Kristofo Asafo no mu. Minnim nea enti a na mepɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ no no. Na ɛnyɛ nea misusuw sɛ Robin yɛ ɔsɔfo bi. Nanso metee nka sɛ mihia ne hɔ afotu.
“Robin traa ase komm tiee me bere a na mereka nea mayɛ no akyerɛ no no. Oyii ne kotoku mu dukuu fitaa bi ma mede popaa m’anim nusu no. Wɔ eyi nyinaa mu no, wankasa. Afei ɔkae sɛ:
“Oo, abofra a wosom bo. Wunnim sɛ Yehowa dwen wo ho? Minim sɛ egyee wo akokoduru ne ahobrɛase pii ansa na woreba me nkyɛn. Eyi yɛ su a ɛho yɛ na ankasa. Migye di sɛ Onyankopɔn betumi asiesie onipa te sɛ wo na ɔde wo ayɛ adwuma. Ɛwom, ɛnyɛ nea mereka sɛ nea woyɛe no ye, ɛnte saa. Ma yɛnhwɛ nea Bible no ka wɔ w’asɛm no ho, a mewɔ anidaso sɛ ebia ɛbɛhyɛ yɛn nyinaa den.
“Me werɛ remfi Kyerɛwnsɛm a edi kan a Robin buei no da. Na nusu no mma mintumi nkenkan no yiye mpo. ‘Enti afei momfa mfiri na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no.’ (2 Korintofo 2:7) Enti nea ɛma minyaa Bible mu afotu a eye pii fii Robin ne ne yere hɔ bere a aka adapɛn kakraa bi na mafi London no nen.
“Mekaa me tirim foforo a mabɔ wɔ Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn a mekura mu no ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima a medɔ no yi na mekyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔde amemenemfe penee me gyinaesi no so a ɛnyɛ nea n’ani gye ho kɛse.”
Eyi akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ ababaa yi asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Na ɛwom sɛ na n’ani gye ɔbarima yi ho kɛse de, nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔrenware no gye sɛ ɔno nso bɛyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo ansa. Bere a wanyere ne ho ahe biara wɔ honhom mu no, ɔne no gyaee. Ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu na mfe du ni a ɔde ayɛ daa akwampaefo
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
“Nea edi kan no, mususo mo ho mu, afei mfewano, na mufi ade biako so kɔ foforo so ntɛm ara”