Kontromfi—Aboa A Ne Ho Yɛ Anika
Efi Sierra Leone “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NA EYI ne bere a edi kan a makɔ Afrika Atɔe Fam ne saa ofi a wɔato nsa afrɛ me sɛ mommra mu yi mu. Esiane sɛ minnim hwee nti, mekɔɔ asa no so kɔtraa ase. Mpofirim ara metee sɛ biribi reba ntɛmntɛm wɔ abranaa no so. Amonom hɔ ara, aboa bi a ne ho nhwinhwi—bɔ wuraa ɔdan no mu ntɛm ara. Bere a ohuruw kɔɔ soro na osii fam wɔ ɔdan no mu no, ɔbɛtraa me srɛ so! Ɔde ne nsa bobaree me kɔn mu—ɔsɔm n’ano na ɔhwɛɛ m’anim tẽe. Me ho dwiriw me. Nanso nnipa afoforo a wɔwɔ ɔdan no mu no serewee anigye so. Wɔɔkwan a ɛyɛ nwonwa na me werɛ remfi da so no, kontromfi a wɔayɛn no wɔ fie no daa ne ho adi kyerɛɛ me.
Bere a me ne mmoa nyinaa a wɔagye din kɛse na wɔwɔ ahoɔden no mu biako yi te hɔ a yɛrehwɛ yɛn ho yɛn ho anim no, ade biako pɛ a mitumi susuwii ne sɛ, ‘Dɛn na ɔbɛyɛ bio? Nanso kontromfi no kɔyɛɛ nneɛma afoforo na eyi maa me koma tɔɔ me yam.
Efi bere a midii kan hyiaa akyeneboa yi no, masua sɛ bɛyɛ mfe 8,000 a atwam ni no, Ɔhene Salomo kɔfaa “nkyeneboa” fii amannɔne nsase so—ebia nkontromfi ka ho—baa Yerusalem. (1 Ahene 10:22) Nanso ɛyɛ mfeha abiɛsa a atwam no mu ansa na wofii ase suaa nkyeneboa ahorow ho ade yiye na wɔkyekyɛɛ wɔn mu. Wɔ 1738 mu no, wɔde emu biako fii Africa baa England. Wɔde Angolafo din na ɛfrɛɛ no, ɛne Chimpanzee anaasɛ ‘onipa a ne ho yɛ serew.’ Edin no aka hɔ.
Wuram Mmoa a Wɔtɔre Wɔn Ase
Ɛwom sɛ nkontromfi binom yɛ nea wɔyɛn wɔn wɔ fie de, nanso dodow no ara yɛ nea wɔde wɔn fi wuram na ɛba. Wɔ mfe dudu pii a atwam no mu no, wɔanya wɔn mu mpempem pii afi Afrika. Esiane sɛ wɔn a wɔtɔ wɔn wɔ aman afoforo so no pɛ nkontromfi nketewa nti, ɔkwan a wɔfa so kyere wɔn ne sɛ wɔtow abere a wɔawo foforo no tuo anaasɛ wɔma wɔn awuduru nom de kum wɔn na afei wogye wɔn mma no fi wɔn nsam. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso efisɛ ɛnyɛ wɔn nanom nkutoo na wowuwu na mmom ɛtɔ bere bi a wɔtow anini ne wɔn mma no bi nso tuo kunkum wɔn a wɔnhyɛ da. Pii wuwu bere a wɔde wɔn retu kwan no. Ampa, sɛnea Ɔbenfo Geza Teleki a ɔyɛ nkyeneboa ho ɔdenimfo ne sɛnea wɔkora wɔn so ho ɔfotufo titiriw ma Sierra Leone Aban no kyerɛ no, ansa na kontromfi biako biara bedu amannɔne asase so a onwui no, na afoforo bɛyɛ du awu.
Nanso wɔn ho hia kɛse na mfaso a wonya wɔ wɔn ho no dɔɔso. Atɔfo a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam no tua (U.S.) $30 wɔ kontromfi ba biara ho ma wɔn a wɔtɔ fi wɔn hɔ no bere a ne bo wɔ United States anaasɛ Japan no kɔ soro kodu $10,000 anaa nea ɛboro saa!
Esiane sɛ wɔahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛkora wuram mmoa a wɔaka nanso wɔn nkwa da asiane mu no so nti, aban ahorow de anohyeto ahorow ama na wɔabara kum a wokunkum wɔn ne ɛho aguadi no. Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, mprempren wɔde nkontromfi aka mmoa ahorow a, wɔn ase reyɛ atɔre no ho.
Nkontromfi ne Onipa Wiase No
Mfaso wɔ nkontromfi so kɛse wɔ nyansahu nhwehwɛmu ahorow mu. Kontromfi a wɔfrɛ no sɛ Ham na odii onipa anim kan kɔɔ ahunmu. Nkontromfi aboa ahunmu akwantufo denam di a wɔde wɔn di dwuma de hwehwɛ nneɛma ahorow a ɛka adwene ne nipadua no bere a wotu kwan kɔ ahunmu ne okyinsoromma ahorow so no so.
Nanso ebia kontromfi su ne n’ahoɔden na wɔde nim no kɛse sen biara. Nkontromfi mma a wɔakyere wɔn no ho yɛ anigye na wotumihu nneɛma yɛ ntɛmntɛm. Wɔyɛ mmoa a wɔn ani gye nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ho kɛse na wɔn ani gye ho sɛ wobedi agoru akyerɛ agoruhwɛfo ma enti wɔn mu binom ‘agye din kɛse’ wɔ agorudi mu. Kontromfi bi a wɔato no din sɛ Cheetah gyee nnipa pii ani bere a ɔne n’adamfo a ɔyɛ onipa a wɔfrɛ no Tarzan nantew kwae ahorow mu no. Aserewsɛm a nkontromfi yi kɔ so ma nnipa pii ani gye wɔ agorudibea ahorow. Oh, hwɛ su ahorow a woyi adi kyerɛ wɔ tii apontow ahorow ase wɔ mmoa yɛmmea!
Wɔatete nkontromfi nso ma wɔyɛ adwuma wɔ adidibea ahorow na wotumi hwie annone de kɔma wɔn a wɔtɔ no. Wotumi tra adidipon ahorow ho didi na wɔnom, wɔhyɛ ntade, prapra fam na wohohoro nneɛma ahorow a wodidi wɔ mu mu. Wɔatotɔn mfonini ahorow a nkontromfi a wɔyɛ “mfoniniyɛfo” ayeyɛ. Watra baesekre ne motor so.
Nanso ɛnsɛ sɛ obi nya adwene sɛ ɛkame ayɛ sɛ kontromfi yɛ onipa. Te sɛ mmoa afoforo pii no, kontromfi tumi di nneɛma a atwa ne ho ahyia no ho dwuma. Otumi hu sɛ nneɛma ahorow bi tumi fi nneyɛe ahorow bi mu ba. Sɛ wɔyɛ ma ɛtoatoaso a, ebetumi akyerɛ no sɛ ɛdenam ahokeka ahorow bi so no nneɛma ahorow bi betumi afi mu aba bere nyinaa. Enti obetumi asua sɛnea wɔyɛ nneɛma ahorow pii a wɔfa ɔkwan biako pɛ so yɛ no. Nanso ontumi nsusuw nsɛm ho te sɛ onipa. Ontumi nhu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa sɛnea wɔyɛ adwuma bi ho na afei ɔde eyi adi dwuma wɔ nnwuma afoforo mu. Na ɛda adi kɛse sɛ ɔrentumi mfa abrabɔ mu nyinasosɛm ahorow nni dwuma.
Nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a wotumi yɛ no yɛ nea wɔn a wonnyinnii no na wɔyɛ—mpɛn pii wɔn a wonnii mfe du no. Nanso sɛ wonyin a, nkontromfi a wɔakyere wɔn a wɔyɛn wɔn no ba bɛyɛ wɔn a wɔmpɛ nnipa, wɔmpɛ agoru—na wɔn ho yɛ hu. Dɛn na obi de wɔn yɛ wɔ wɔn asetra mu mfe 30 anaasɛ nea ɛsen saa a aka no mu? Ɔkwan a ɛwɔ mmoa yɛmmea mu no sua. Ɔhaw ahorow wɔ yɛn a wɔyɛn wuram aboa yi ho. Enti ɛtɔ bere bi a wɔn ho adenimfo de afotu a ɛyɛ awerɛhow yi ma sɛ: “Munkunkum wɔn.”
Onipa ne Nkontromfi Wiase No
Nhwehwɛmu ahorow a, emu dɔ a wɔayɛ wɔ sɛnea nkontromfi yɛ wɔn ade wɔ onipa wiase no mu no ama wɔahu pii afa wɔn su ne wɔn ahoɔden ho. Nanso kontromfi hu sɛ wafi n’atrae bere a ɔwɔ onipa wiase mu no, sɛnea onipa bɛte nka saa ara bere a ɔno nso wɔ kontromfi wiase mu no. Enti nhwehwɛmufo hu sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte kontromfi ase yiye no, ɛsɛ sɛ wɔkɔyɛ ne ho nhwehwɛmu wɔ wuram.
Ɛda adi sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi kan ayɛ eyi wɔ afeha a ɛto so 19 awiei mu hɔ. Wuram mmoa a wɔyɛn wɔn ho ɔdenimfo R. L. Garner kɔɔ wuram a okura ebuw kɛse bi. Na ebuw no nyɛ mmoa a ɔhwɛ kwan sɛ okosua wɔn ho ade no de; na ɛyɛ ne dea! Bere a ɔhyem na watow mu no, ɔhwɛɛ mmoa ahorow a wobetwaam wɔ n’anim no. Ɛwom sɛ nneɛma ahorow a ohui wɔ wɔn ho no nnɔɔso de, nanso na ɛyɛ mmɔden a eye a ɔbɔe sɛ obesua nkyeneboaahorow ho ade wɔ faako a ɛyɛ wɔn atrae ankasa.
Ɛwom sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu tiaa foforo bi wɔ 1930, mu de, nanso ɛyɛ 1960 mfe no mu ansa na wofii nhwehwɛmu foforo ase wɔ wuram. Ɔdenimfo Jane Goodall a ɔyɛ nhwehwɛmufo a ɔyɛ adwuma wɔ Tanzania Atɔe Fam no antra ebuw mu. Na n’adwene ne sɛ ɔbɛkɔ wɔn nkyɛn na bere a wabɛn wɔn no wahwɛ nkontromfi no. Ná ɛnyɛ mmerɛw. Mfiase no sɛ wohu no a, woguan, nanso mfaso baa ne boasetɔ ne ne mmɔdenbɔ no so na wɔ afe biako ntam no na ɔte wɔn mfinimfini.
Wɔ mfe aduonu a edi hɔ no mu no, Ɔdenimfo Goodall suaa pii faa nkontromfi su, wɔn asetra ne wɔn abusua nhyehyɛe ho. Nkontromfi nso fa akwan horow bi a ɛyɛ nwonwa so ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho. Sɛ wɔtetew wɔn ho wɔn ho mu kyɛ kakra na wɔsan behyiam a, wokyiakyia wɔn ho wɔn ho nsam anaasɛ wɔfifew wɔn ho wɔn ho ano. Wosiesie wɔn ho wɔn ho ho na woyiyi mpupuaa fi wɔn ho wɔn ho ho. Nanso ɛnyɛ nkitaho a nkontromfi di nyinaa na pɛsɛmenkonya nni mu! Ɛtɔ bere bi a, wokunkum wɔn ho wɔn ho we.
Nnansa yi ara WWF News bisabisaa Ɔdenimfo Goodall nsɛm na ɔkae sɛ, ‘Nkontromfi ho ade a osua no aboa no ma wabu sɛnea ɛsono yɛn koraa wɔ wɔn ho, na ebia ɛno ne ade a ɛsen biribi foforo biara a mahu.’ Bere a wɔkae sɛ ɔnkyerɛ dekode a ɔka ho asɛm pɔtee no, ɔkae sɛ, “Adesamma wɔ mmɔborohunu kɛse. Wɔ nkontromfi mu no, ɛna ne ɔba na eyi mmɔborohunu adi kyere wɔn ho wɔn ho na wɔntaa nhu eyi wɔ baabi foforo biara. Mmɔborohunu yɛ onipa su ankasankasa.” Wɔ nkontromfi a ɔne wɔn atra bɛyɛ mfe 22 akyi no, ɔne ne mfɛfo no da so ara sua nneɛma afoforo wɔ wɔn no.
Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ babiara a wubehu wɔn no, sɛ́ ɛyɛ onipa wiase mu anaasɛ wɔn de mu no, nkontromfi yɛ mmoa a wɔn ho yɛ nwonwa ampa—nokwasɛm a ɛho renhia se wɔkɔe wo, sɛ ebi ɔtra wo srɛ so pɛn a!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Kontromfi betumi asua sɛnea wɔyɛ nneɛma ahorow pii a wɔnam ɔkwan biako pɛ so yɛ, nanso ɔrentumi nsusuw nsɛm ho sɛ onipa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Nkontromfi ho ade a meresua no ‘aboa me ma mahu sɛnea yɛyɛ soronko wɔ wɔn ho no, na ebia ɛno sen biribi foforo biara a mahu.’—Ɔdenimfo J. Goodall