Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 87
  • Hena Ne Nea Ɔsɔre Tia Kristo No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Nea Ɔsɔre Tia Kristo No?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Nea yɛde behu wɔn a wɔsɔre tia Kristo no
  • Hena Ne Antikristo No?
    Nyan!—2001
  • Hwan Ne Deɛ Ɔtia Kristo Anaa Antikristo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wɔahu Nea Otia Kristo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuhu Nea Otia Kristo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 87
Obi a ɔreka nyamesɛm wɔ TV so

Hena Ne Nea Ɔsɔre Tia Kristo No?

Nea Bible ka

Nea ɔsɔre tia Kristo, anaa antikristo no, ɛnyɛ onipa baako bi, adwumakuw bi, anaa abɔde foforo bi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible ka sɛ, “wɔn a wɔsɔre tia Kristo bebree” na ɛwɔ hɔ. (1 Yohane 2:18) Mmom, Greek asɛm a wɔkyerɛ ase “antikristo” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne “nea ɔsɔre tia Kristo (anaa ɔyɛ ne ho sɛ Kristo).” Enti obiara a ɔyɛ nea edidi so yi bi no, ɔyɛ antikristo, anaa nea ɔsɔre tia Kristo:

  • Obiara a onnye ntom sɛ Yesu ne Kristo (anaa Mesia) no, anaa ɔka sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn Ba.—1 Yohane 2:22.

  • Obiara a ɔsɔre tia Kristo, Nea Onyankopɔn Asra No no.—Dwom 2:1, 2; Luka 11:23.

  • Obiara a ɔyɛ ne ho sɛ ɔno ne Kristo no.—Mateo 24:24.

  • Obiara a ɔtan Kristo akyidifo ani. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, obiara a ɔtan Kristo akyidifo ani no, ɛte sɛ nea Kristo ankasa na ɔretan n’ani.—Asomafo Nnwuma 9:5.

  • Obiara a odi atoro ka sɛ ɔyɛ Kristoni, nanso ɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne, anaa ɔdaadaa nkurɔfo.—Mateo 7:22, 23; 2 Korintofo 11:13.

Bible ka nkurɔfo a wɔyɛ nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa bi no ho asɛm sɛ, wɔyɛ wɔn a wɔsɔre tia Kristo, na ɛsan ka wɔn nyinaa bom frɛ wɔn “nea ɔsɔre tia Kristo,” anaa antikristo. (2 Yohane 7) Nea ɔsɔre tia Kristo no dii kan yii ne ti wɔ asomafo no bere so, na wakɔ so ayɛ adwuma de abesi nnɛ. Bible hyɛɛ nkɔm too hɔ sɛ, saa na ɛbɛba.—1 Yohane 4:3.

Nea yɛde behu wɔn a wɔsɔre tia Kristo no

  • Wɔka nsɛm a ɛnyɛ nokware fa Yesu ho. (Mateo 24:9, 11) Ɛho nhwɛso bi ni. Ebinom kyerɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ Baasakoro, anaa wɔka sɛ Yesu na ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Wɔn a wɔka saa no nyinaa sɔre tia Yesu nkyerɛkyerɛ, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.”—Yohane 14:28.

  • Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no yɛ adwuma, nanso wɔn a wɔsɔre tia Kristo no nnye saa asɛm no ntom. Ɛho nhwɛso bi ni. Nyamesom akannifo bi ka sɛ, Kristo nam nnipa aban ahorow so na edi tumi. Nanso, ɛnyɛ saa koraa na Yesu kyerɛkyerɛe. Yesu kaa sɛ: “M’Ahenni mfi wiase.”—Yohane 18:36.

  • Wɔn a wɔsɔre tia Kristo no ka sɛ, Yesu ne wɔn Awurade, nanso wɔnni Yesu ahyɛde so. Yesu ahyɛde a wɔnni so no, baako ne Ahenni no ho asɛmpa a Yesu kaa sɛ n’akyidifo nka no. Wɔn a wɔsɔre tia Kristo no, wɔnyɛ saa adwuma no bi.—Mateo 28:19, 20; Luka 6:46; Asomafo Nnwuma 10:42.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena