Hell Wɔ Hɔ Ampa? Asɛmfua Hell a Ɛwɔ Bible Ahorow Bi Mu No Kyerɛ Sɛn?
Nea Bible ka
Bible ahorow a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Borɔfo kasa mu a akyɛ paa te sɛ King James Version no, wɔde asɛmfua “hell” hyehyɛɛ mmeae bi. (Dwom 16:10; Asomafo Nnwuma 2:27) Sɛnea mfoni no kyerɛ no, nsɔrensɔre bebree kyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ gya a ennum da a wɔde hyew abɔnefo. Nanso saa na Bible kyerɛkyerɛ anaa?
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Hell yɛ baabi a nkurɔfo hu amane daa anaa?
Daabi. Nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hell” wɔ Bible nkyerɛase a akyɛ paa no bi mu no, nea hell (Hebri, “Sheol”; Greek, “Hades”) kyerɛ ara ne “Ɔdamoa,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Bible kyerɛ sɛ nnipa a ɛwɔ “Ɔdamoa” mu no, wɔnni nkwa mu.
Awufo nnim biribiara enti wɔnte yaw. “Adwuma, ne adwene, ne nyansa, ne nimdeɛ, nni hell.” (Ɔsɛnkafo 9:10, Douay-Rheims Nkyerɛase) Dede biara nni hell a ɛkyerɛ sɛ Dw. 31:17 wɔn a ɛwɔ hɔ no rehu amane. Mmom nea Bible ka ne sɛ: “Ma nnebɔneyɛfo ani nwu; ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Ɔdamoa mu [hell, Douay-Rheims].”—Dwom 31:17; (30:18, Douay-Rheims); Dwom 115:17.
Onyankopɔn kaa sɛ bɔne akatua ne owu; wanka sɛ abɔnefo bɛkɔ Ɔbonsam gya mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn nana Adam sɛ, sɛ obu ne mmara so a, owu na obewu. (Genesis 2:17) Wanka hell anaa Ɔbonsam gya biara ho asɛm. Akyiri yi a Adam yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn ma ohuu asotwe a ɛda hɔ retwɛn no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Enti wei kyerɛ sɛ, na Adam befi wiase koraa; yɛrenhu no baabiara bio. Sɛ anka Onyankopɔn de Adam bɛto Ɔbonsam gya mu a, ɔkwan biara so anka ɔbɛka. Asotwe a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔto ne mmara no, ɔnsesaa no. Adam yɛɛ bɔne no, mfe bebree akyi, Onyankopɔn maa Bible kyerɛwfo bi kaa sɛ: “Bɔne akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Akatua foforo biara ho nhia, efisɛ “nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.”—Romafo 6:7.
Asɛm a nkurɔfo ka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nnipa ayayade wɔ ogya mu afebɔɔ no, Onyankopɔn kyi koraa. (Yeremia 32:35) Saa asɛm no ne asɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛse “Onyankopɔn ne dɔ” no nhyia. (1 Yohane 4:8) Onyankopɔn pɛ sɛ ohu sɛ ɔdɔ a yɛdɔ no nti na yɛresom no, na ɛnyɛ suro a yesuro sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Ɔbonsam gya mu ntia.—Mateo 22:36-38.
Apapafo kɔɔ hell. Bible ahorow a wɔde asɛmfua hell yɛ adwuma no, sɛ ɛka sɛ obi kɔ hell a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ onipa no kɔ ɔdamoa mu.a Wohwɛ saa Bible ahorow no mu a, wubehu sɛ na atreneefo bi te sɛ Yakob ne Hiob hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ hell. (Genesis 37:35; Hiob 14:13) Wubehu mpo sɛ, bere a Yesu Kristo wui no, ɔkɔɔ hell.—Asomafo Nnwuma 2:31, 32.
Yesu mfatoho a ɛfa osikani no ne Lasaro ho no kyerɛ sɛn?
Osikani no ne Lasaro asɛm a Yesu kae no wɔ Luka 16:19-31. Saa asɛm no, ɛnyɛ biribi a esii ankasa. Ná ɛyɛ mfatoho. Mfatoho a ɛtete saa pii wɔ Bible mu. Ɛboa ma yenya afotusɛm a yɛde bɛbɔ yɛn bra, na ɛsan ma yehu Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. (Mateo 13:34) Sɛ wopɛ sɛ wote saa mfatoho yi ase yiye a, kenkan asɛm a yɛato din, “Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?”
Obi akɔ hell asan aba pɛn?
Aane. Bible ka nnipa nkron bi ho asɛm. Wɔwui, (Bible ahorow bi ka sɛ wɔkɔɔ hell) na akyiri yi wɔsan nyan wɔn baa nkwa mu bio.b Bere a wɔwui no, sɛ wɔkɔɔ baabi a, wɔsan bae no anka wɔbɛka. Nanso wɔn mu biara nni hɔ a ɔkae sɛ ɔkɔdaa gya mu anaa ɔkɔɔ baabi foforo biara. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea Bible ka no, onipa wu a na wawu. Ɔnkɔ baabiara; ɛte sɛ nea ‘wada’ hatee.—Yohane 11:11-14; 1 Korintofo 15:3-6.
a Hwɛ adaka a yɛato din “Hebri ne Greek Nsɛmfua Bi a Ɛwɔ Bible Mu.”