Sɛnea Wubenya Afɔre a Yesu Bɔe No So Mfaso
Yesu kaa sɛ, yenhyiam nkae ne wuo no. Enti afe biara, Yehowa Adansefo ne nnipa ɔpepem pii a wɔto nsa frɛ wɔn wɔ wiase nyinaa kɔ Yesu wuo Nkaedi no ase. (Luka 22:19) Sɛ yɛkɔ ne wuo Nkaedi no ase a, ɛma yehu sɛ nea ɔyɛe no, ɛsom bo paa. Ɛsan nso ma yehu nea afɔre a Yesu bɔe no bɛma yɛanya ɛnnɛ, ɛne daakye.—Yohane 3:16.
Sɛ wokɔɔ Yesu wuo Nkaedi no bi afe yi oo, sɛ woankɔ bi oo, wobɛyɛ dɛn anya afɔre a ɔbɔe no so mfaso? Yesu kaa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi a ɛho hia. Ɛne sɛ:
1. Sua Onyankopɔn ne Yesu ho ade. Bere a Yesu rebɔ ne soro Agya mpae no, ɔkaa sɛ: “Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na ohu Yesu Kristo a wosomaa no no nso.”—Yohane 17:3.
2. Fa nea wusua no yɛ adwuma. Yesu ka sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde ne nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yesu de ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no reba awiei no, ɔkamfoo obiara a “ɔte [ne] nsɛm na ɔde yɛ adwuma.” (Luka 6:46-48) Bere foforo nso, ɔkaa sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.”—Yohane 13:17.
Wopɛ sɛ wusua Onyankopɔn ne Yesu ho nsɛm pii anaa? Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wode nea woasua no bɛyɛ adwuma wɔ w’asetena mu anaa? Nsɛm a edidi so yi betumi aboa wo.
Bible adesua
Yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye wɔn sika biara. Na ɛno aboa nnipa bebree ama wɔahwehwɛ Bible mu, na wɔde nteaseɛ a wɔanya no reyɛ adwuma wɔ wɔn asetena mu.
Kɔ ɔfã a yɛato din, Ma Yɛne Wo Nsua Bible, na wubehu sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible no ho nsɛm pii.
Hwɛ video a yɛato din, Yɛn Ani Agye Sɛ Wopɛ Sɛ Wusua Bible, na wubehu sɛnea Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua Bible.
Yehowa Adansefo Asafo Nhyiam
Nnawɔtwe biara, Yehowa Adansefo hyiam mprenu wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Ahenni Asa so; ɛhɔ na yɛsom. Yehyiam saa a, yesua Bible ne sɛnea yɛde Bible mu nsɛm bɛyɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu.
Obiara tumi ba nhyiam yi bi; wonyɛ Yehowa Danseni koraa a, wubetumi aba bi. Sɛnea nneɛma te wɔ baabi a wote na ɛbɛkyerɛ sɛ w’ankasa wobɛkɔ Ahenni Asa so anaa wobɛfa videoconference so.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛkɔ so wɔ yɛn Ahenni Asa so a, hwɛ video a yɛato din, Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So?
Sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a ɛbɛn wo a wubetumi akɔ yɛn adesua no bi a, kɔ yɛn wɛbsaet no so na hwehwɛ ɔfã a yɛato din, Yehowa Adansefo Asafo Nhyiam.
Yɛn video ne yɛn nsɛm ahoroɔ a ɛwɔ intanɛt so
Nsɛm ne video ahoroɔ pii wɔ yɛn wɛbsaet yi so a ebetumi aboa wo ama woasua Yesu nkyerɛkyerɛ ho adeɛ pii. Ebetumi nso aboa wo ama woahu mfaso a ɛwɔ ne wuo no so.
Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea nnipa ɔpepem pii betumi anya ɔbaakofo wuo so mfaso a, kenkan asɛm a yɛato din, “Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?” ne “Dɛn Nti Na Yesu Huu Amane Na Owui?” Anaasɛ hwɛ video a yɛato din, Adɛn Nti na Yesu Wui?