MMABUN BISA SƐ
Ɛdɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Sigaret Ne Vape Anaa Ɛlɛtrɔnik Sigaret Ho?
“Baabi a mete no, minhuu obiara a ɔreyɛ adi mfe 25 a ɔnnom sigaret da, anaa ɔntwee vape da.”—Julia.
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Nea ɛsɛ sɛ wuhu
Sigaret betumi akum wo. Wɔn a wɔyɛ sigaret no, nicotine ne aduru a wɔde gu mu kɛse paa, na saa aduru no nti, sɛ wohyɛ ase sɛ worenom sigaret a, ne nom tumi ka wo hɔ. Nicotine a yɛreka ho asɛm yi, ebetumi nso akum yɛn. Asoɛe bi a ɛwɔ U.S. de too gua sɛ, “sigaret ka ho bi paa na nnipa yare anaa wɔwu ntɛm wɔ wiase saa no. Nso ɛyɛ biribi a anka yebetumi asiw ano.”—U.S. Centers for Disease Control and Prevention.
“M’adwuma ne sɛ, mitwa nkurɔfo scan de hwɛ yare a ɛwɔ wɔn nipadua mu. Ama mahu sɛnea sigaret asɛe ebinom nipadua. Wɔn a wɔanom sigaret agyae no, sɛ mihu sɛnea sigaret ama wɔn ntini mu asisi no a, na me yam koraa ahye me. Sɛnea me nipadua som bo ma me no, sigaret de, merenkɔ ho da.”—Theresa.
Wunim biribi? Nnuru bɛyɛ 7,000 na ɛwɔ sigaret mu, na saa nnuru yi, bebree tumi kum nnipa. Afe biara, nnipa mpempem pii na yare a wɔnya fi sigaret mu kunkum wɔn.
Sɛ wotwe vape a, ɛma nnuru a edi awu kɔ wo mu. Sɛ wotwe vape anaa ɛlɛtrɔnik sigaret a, ebetumi ama w’ahrawa asɛe na ebetumi nso koraa akum wo. Afei nso, nicotine a ɛwɔ sigaret mu no, vape ahorow bebree wɔ hɔ a ebi wom. Esiane sɛ nicotine yɛ aduru bi a ne nom tumi ka yɛn hɔ nti, ɛlɛtrɔnik sigaret ho nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, nicotine tumi twetwe “mmerante ne mmabaa ma wɔnom nnubɔne foforo a ɛno nso, ɛyɛ den sɛ wɔbegyae.”
“Vape no bi wɔ hɔ a, wɔfrɛ no ‘cotton candy’ ne ‘cherry bomb.’ Wɔn a wɔyɛ no ma ɛyɛ huam na ɛyɛ dɛ te sɛ tɔfe, enti ɛfrɛfrɛ nnipa, ɛnkanka mmerante ne mmabaa ne nkwadaa. Ne dɛ no nti ɛyɛ wɔn sɛ entumi nyɛ wɔn hwee.”—Miranda.
Wunim biribi? Ntutu a efi vape mu ba no, ɛnyɛ nsu kɛkɛ. Nneɛma bi a ebetumi asɛe wo nipadua nso fra mu. Bebree yɛ nnuru a edi awu, na wotwe vape no bi a, saa nnuru no kɔ w’ahrawa mu.
Wɔn a wɔnom sigaret anaa wɔtwe vape no, ɔhaw a etumi kɔfa brɛ wɔn no bi ne sɛ
(1) Etumi ka wɔn adwene. Ɛreyɛ ara ni na wɔn werɛ ahow; wɔn bo nso tumi fuw ntɛmntɛm. Wɔn a afei na wɔresi so paa na ɛhaw wɔn kɛse
(2) Nam a ɛwɔ wɔn se akyi tumi hono, na ntokuru nso tumi bɛdeda wɔn se mu
(3) Ɛma wɔn ahrawa yɛ kɛse, na wɔtumi nso nya komayare
Wɔn a wɔwɔ ntehyeewa anaa asthma no, sigaret tumi ma emu yɛ den
Etumi ma wɔnya yafunyare, na ɛtaa ma wɔn bo fono wɔn
Nea wubetumi ayɛ
Hwehwɛ mu yiye. Ɛnyɛ nea wobɛte biara na ɛsɛ sɛ wugye di. Ebinom mpo tumi ka sɛ wotwe vape a, biribiara nyɛ wo, anaa vape de, wotwe a ɛma wo dadwen so tew. Wo ara hwehwɛ mu yiye na hu nea woyɛ a ɛbɛboa wo.
Bible mu afotusɛm: “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.
“Sɛ wuhu sɛ wɔn a wɔagye din anaa w’atipɛnfo binom renom sigaret anaa wɔretwe vape a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ ‘wɔregye wɔn ani.’ Sɛ wunim nsunsuanso a ɛde ba a, anka wubehu sɛ ɛnyɛ ade a yɛde di agorɔ koraa.”—Evan.
Susuw wei ho hwɛ: Mmerante ne mmabaa a wɔtwe sigaret ne vape no, wohwɛ a, wɔn ani gye paa? Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ ne nea ɛbɛba ɔkyena no, wohwɛ a vape ne sigaret betumi aboa wɔn ama wɔadi so nkonim? Anaa wɔbetwa so aba yayaayaw daakye?
Pɛ akwampa a wode bɛtew wo dadwen so. Nneɛma pa bebree wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de atew wo dadwen so. Ebi ne sɛ wobɛtenetene w’apɔw mu, wobɛpɛ nhoma bi akan anaa wo ne wo nnamfo a wɔhyɛ wo nkuran bɛbom agye mo ani. Esiane sɛ nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ nti, biribiara mpo nka wo sɛ kɔnom sigaret anaa kɔtwe vape.
Bible mu afotusɛm: “Onipa komam dadwen ma ne koma botow, na asɛmpa ma enya anigye.”—Mmebusɛm 12:25.
“Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔnom sigaret anaa wɔtwe vape a, ɛtew wɔn dadwen so. Sɛ ɛboa wɔn mpo a, ɛnyɛ ahe biara; nanso ne nsunsuanso de, ɛyɛ hu, na ɛnkɔ da. Nneɛma pa bebree wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de atew wo dadwen so.”—Angela.
Susuw wei ho hwɛ: Nneɛma a wo ankasa wubetumi ayɛ de atew wo dadwen so paa no, ebi ne sɛn? Sɛ wuhia mmoa a, hwɛ “Young People Ask” asɛm a yɛato din, “How Can I Deal With Anxiety?”
Sɛ woka sɛ wopɛ sɛ w’adwinnwen so tew enti wobɛnom nnubɔne a, ɛte sɛ nea nsu retɔ na woreka sɛ, wompɛ sɛ wo ho bɛfɔ nti worekɔtow wo ho ato po mu; afei koraa na woasɛe w’asɛm!
Si w’adwene pi sɛ woremma w’atipɛnfo mpiapia wo. W’atipɛnfo a wo ne wɔn kɔ sukuu betumi apiapia wo ama woakɔtwe vape anaa sigaret. Nneɛma a wode gyigye w’ani mpo betumi atwetwe wo ama woakɔyɛ bi. Nea ɛtaa ba ne sɛ, sini, TV so dwumadi ne sohyia midia ma ɛyɛ sɛ, sɛ wotwe vape anaa sigaret a, w’ani gye, na ahomeka wom.
Bible mu afotusɛm: ‘Wɔn a wɔanyin no, wɔatete wɔn adwene ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Hebrifo 5:14.
“Bere a na mekɔ sukuu no, na mentwe vape anaa sigaret. Ɛno nti, na m’atipɛnfo bebree bu me. Memaa wɔhui sɛ saa nneɛma no, mempɛ, enti eduu baabi mpo, sɛ obi de ho asɛm bɛtaataa me a, na wɔko ma me. Sɛ woma nkurɔfo hu sɛ w’ani nnye saa nneɛma no ho a, ebetumi abɔ wo ho ban; wo koraa ɛbɛyɛ wo nwanwa.”—Anna.
Susuw wei ho hwɛ: Sɛ w’atipɛnfo repiapia wo sɛ kɔyɛ biribi a enye a, ɛyɛ a wutumi de wo nan si fam? Woayɛ saa pɛn? Sɛ wuhia mmoa a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, nhoma no Po 2 no ti 15, asɛm a yɛato din, “Peer-Pressure Planner.”
Sɛ worefa nnamfo a, hwɛ yiye. Sɛnea wuhu vape ne sigaret no, sɛ saa na wo nnamfo nso hu no a, ɛbɛyɛ den sɛ wode bi bɛka w’ano.
Bible mu afotusɛm: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.”—Mmebusɛm 13:20.
“Sɛ wofa nnamfo a wɔtumi hyɛ wɔn ho so, nnamfo a wɔtumi gyina pintinn a biribiara ntumi nsesa wɔn adwene a, ɛboa. Sɛ wuhu sɛnea wɔn abrabɔ kɔ yiye no a, ɛka wo ma wo nso wusuasua wɔn.”—Calvin.
Susuw wei ho hwɛ: Sɛnea woabɔ wo tirim sɛ wubebu bra pa na woakwati biribiara a ɛbɛkɔ akɔfa yare abrɛ wo no, wo nnamfo boa wo ma wode yɛ adwuma, anaasɛ wɔma ɛyɛ den ma wo?
Wii anaa marijuana nso ɛ?
Nnipa bebree ka sɛ, wonom wii a ɛrenyɛ wo hwee. Nanso saa asɛm no, nokware biara nni mu!
Mmerante ne mmabaa a wɔnom wii no, ebetumi ayɛ den ama wɔn paa sɛ wɔbegyae. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wonom wii a, etumi ma wo ti wu, na ebetumi ama w’adwene asɛe koraa.
Apɔwmuden asoɛe bi a ɛwɔ U.S. de too gua sɛ: “Nhwehwɛmu ama ada adi sɛ wɔn a wɔnom wii no, nea ɛtaa ba ne sɛ, ɛnkyɛ na wɔne nkurɔfo ntam asɛe, wɔsua ade a wɔnhu, wɔntumi nhwɛ wɔn adwuma yiye, na wɔnni anigye papa biara wɔ abrabɔ mu.”—U.S. Substance Abuse and Mental Health Services Administration.
“Nea enti a na mepɛ sɛ menom wii paa ne sɛ, na mepɛ sɛ m’adwinnwen so tew. Nanso midwen ho hui sɛ, ne nom betumi aka me hɔ, ɛbɛma masɛe sika, na ebetumi asɛe m’apɔwmuden. Weinom nyinaa nti mihui sɛ, sɛ mekɔnom bi a, ɛbɛma m’adwinnwen ayɛ kɛse mmom.”—Judah.