MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE
Ɛyɛ Wo Sɛ Obi Regye Wo Kunu Anaa Wo Yere a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
Sɛ awarefo wɔ hɔ, na sɛ obiara nnye ne yɔnko nni a, ɛmma anigye mma aware no mu. Ɛnde dɛn na ɛbɛboa wo na woantwe ninkunu hunu?
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Dɛn ne ninkuntwe?
Yɛka “ninkuntwe” a, etumi kyerɛ nneɛma bebree. Nea yɛreka ho asɛm wɔ ha yi de, ɛyɛ atenka a obi nya bere a wahu sɛ ɔbea anaa barima bi de ne ho rehyehyɛ ne hokafo, anaa ne hokafo de ne ho rehyehyɛ ɔbea anaa barima foforo. Ɛba saa a, ebetumi ama saa nipa no yam ahyehye no sɛ obi regye n’aware. Sɛ ɛno nti na obi retwe ninkunu de a, ɛnde ɛyɛ ne kwan so, efisɛ aware yɛ biribi a ɛka nnipa mmienu bom sen biribi foforo biara. Enti, ɛsɛ sɛ awarefo yɛ nea wɔbetumi biara de bɔ wɔn aware ho ban.
Bible mu afotusɛm: “Wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. . . . Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mateo 19:6.
“Sɛ ninkuntwe ba wo mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ebia obi regye w’aware, enti ma w’ani nna hɔ na yɛ ho biribi.”—Benjamin.
Ninkuntwe bi wɔ hɔ a enni nnyinaso efisɛ ɛyɛ w’adwene na ɛyɛ wo sɛ obi regye w’aware, ɛnna ama wo yam hyehye wo, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ saa. Saa ninkuntwe no, ntease biara nnim. Sɛ yɛdɔ yɛn hokafo paa a, ɛremma yɛntwe ninkunu a enni nnyinaso biara mfa nhaw yɛn ho. (1 Korintofo 13:4, 7) Dr. Robert L. Leahy kyerɛwee sɛ: “[Ninkuntwe a ntease biara nnim no,] nea ebetumi de aba ne sɛ, aware a wopɛ sɛ wobɔ ho ban no, wobɛhwɛ na woresɛe no mmom.”a
Dɛn na ɛma ebinom twe ninkunu hunu?
Sɛ woaware pɛn ɛnna wo hokafo no de wo sii mu a, ɛnyɛ nwanwa sɛ wobɛtwe ninkunu a enni nnyinaso. Anaasɛ ebia wo maame ne wo papa, baako faa ne yɔnko akyi maa wɔn aware gui, enti ama wusuro sɛ saa ara na wo nso w’aware bɛyɛ.
“Bere a na meyɛ abofra no, me papa faa me maame akyi, enti ɛyɛ den ma me sɛ megye nnipa adi. Ɛkɔɔ me mu paa, enti ɛwɔ hɔ ara na ebesi me tirim a, na ayɛ den ama me sɛ megye me kunu adi.”—Melissa.
Ade foforo nso ni: Sɛ daa wo yam hyehye wo sɛ anhwɛ a wo hokafo de wo besi mu a, ɛnde ɛreyɛ ara ni na ɛyɛ wo sɛ obi regye w’aware. Ebetumi ama w’adwene ayɛ wo sɛ, wo hokafo nya kwan ketewaa bi mpo a, obegyaa wo akɔfa obi foforo.
“Me kunu adamfo bi srɛɛ me kunu sɛ ɔmmɛtaa n’akyi wɔ n’ayeforohyia ase. Nea na ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ dwumadi no rekɔ so a mmea a wɔdi ayeforo no akyi no, ebetumi aba sɛ me kunu ne baako bɛsaw. Ná me bo nwo so, enti mamma wanyɛ.”—Naomi.
Nneɛma a ɛkɔ so wɔ ayeforohyia ase no, ɛsono ɔman biara de, enti ɛsɛ sɛ Kristofo hu nea etia Bible ne nea entia Bible. Nanso wohwɛ nea Naomi yɛe no a, na ntease wom? Akyiri yi ɔno ara gye toom sɛ, ninkunu a ɔtwee no, na enni nnyinaso biara. Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, na me yam hyehye me. Ná ɛyɛ me sɛ me kunu de me toto mmea afoforo ho, nanso ɛnyɛ saa na na ɛte.”
Biribiara a ɛma wotwe ninkunu no, sɛ enni nnyinaso a, ebetumi ama woanya wo hokafo ho adwemmɔne, na ebetumi mpo ama wode asɛm ato ne so aka sɛ wafa w’akyi. Sɛ wunya adwene a ɛte saa a, ɔhaw a ɛde bɛba no betumi asɛe w’aware, na ebetumi mpo abɔ wo yare.
Bible mu afotusɛm: “Ahoɔyaw te sɛ kokoram.”—Mmebusɛm 14:30, Easy-to-Read Version.
Dɛn na ɛbɛboa wo na woantwe ninkunu hunu?
Bɔ mmɔden sɛ wubegye wo hokafo adi. Nhwehwɛ wo hokafo ho mfomso nnyina so nka sɛ ɔnyɛ nokwafo. Mmom nneɛma a ɔyɛ a ɛma wugye no di no, ɛno na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so.
“Suban a ɛyɛ fɛ wɔ me kunu ho no, ɛno na mede m’adwene si so. Sɛ mihu sɛ wanya adaagye ama obi a, ɛyɛ dwen a odwen afoforo ho ntia, na ɛnyɛ sɛ ɔwɔ adwemmɔne. Da biara mekae me ho sɛ, sɛ m’awofo aware ankɔ yiye a, ɛno nkyerɛ sɛ me nso me de renkɔ yiye.”—Melissa.
Bible mu afotusɛm: “Ɔdɔ . . . gye biribiara di.”—1 Korintofo 13:4, 7.
Bisa wo ho sɛ: Adwene a manya afa me hokafo ho no, ɛyɛ nokware? Dr. Leahy a, yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛwee sɛ: “Mpɛn pii no, ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ adwene a yɛanya wɔ biribi ho no yɛ nokware. Nanso gye a yegye di sɛ biribi yɛ nokware no nko ara nkyerɛ sɛ saa na ɛte. Sɛ yegye di sɛ nea yɛn adwene yɛ yɛn no yɛ nokware sɛ dɛn mpo a, gye a yegye di no nko ara nkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware.”b
“Biribiara a yɛn hokafo bɛka anaa biribiara a ɔbɛyɛ no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ adwemmɔne na ɔde reyɛ a, ɛnde na yɛn ara na yɛrefrɛfrɛ ɔhaw aba yɛn aware mu.”—Nadine.
Bible mu afotusɛm: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.”—Filipifo 4:5.
Mommɔ ho nkɔmmɔ. Ade biara a ama woretwe ninkunu no, ka ho asɛm kyerɛ wo hokafo. Ɛba no saa a, mo mmienu nyinaa, obiara behu nea ɔyɛ a ɛrenhaw ne yɔnko; nanso, ɛnsɛ sɛ monhyɛ mmara biara de kyekyere mo ho denneennen.
“Sɛ morebɔ ho nkɔmmɔ a, kae sɛ ɛnyɛ wo hokafo no adwene ne sɛ ɔbɛhyɛ da ayɛ biribi ama ahaw wo; ɔno nso pɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛboa mo nyinaa. Enti nnwen bɔne mma no. Ebia ɛyɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’adaagye nyinaa ma wo, enti sɛ onya obi ho adaagye kakraa bi mpo a, ɛhaw wo. Anaa ebi nso a, adaagye a ɛsɛ sɛ wo hokafo nya ma wo no, onnya mma wo, nanso onhu no saa.”—Ciara.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 Korintofo 10:24.