Emu Nsɛm
May 15, 2015
© 2015 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
NEA ADESUA NSƐM WOM
JUNE 29, 2015–JULY 5, 2015
KRATAFA 3 • NNWOM: 54, 43
JULY 6-12, 2015
Wobɛtumi ne Satan Ako—Adi Ne So Nkonim!
KRATAFA 9 • NNWOM: 60, 100
JULY 13-19, 2015
‘Wɔhuu’ Nneɛma a Wɔahyɛ Ho Bɔ No
KRATAFA 15 • NNWOM: 81, 134
JULY 20-26, 2015
Suasua Nea Ɔde Daa Nkwa Ahyɛ Yɛn Bɔ No
KRATAFA 21 • NNWOM: 12, 69
ADESUA NSƐM
▪ Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
▪ Wobɛtumi ne Satan Ako—Adi Ne So Nkonim!
Bible ka sɛ Satan te sɛ gyata a ɔkɔm de no a ɔrebobom apɛ mmoa akyere wɔn awe. Ɔwɔ tumi, ne tirim yɛ den, na ɔyɛ ɔdaadaafo nso. Adesua nsɛm yi bɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛko tia ɔtamfo a ne ho yɛ hu yi. Ɛbɛsan nso ama yɛahu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ne mfidie ho.
▪ ‘Wɔhuu’ Nneɛma a Wɔahyɛ Ho Bɔ No
▪ Suasua Nea Ɔde Daa Nkwa Ahyɛ Yɛn Bɔ No
Yehowa de biribi duaa yɛn mu a ɛma yɛtumi de yɛn adwene twa nneɛma a yɛnhui ho mfoni. Yɛtumi de saa tumi no yɛ nneɛma pa anaa nneɛma bɔne. Adesua nsɛm mmienu yi mu no, yɛbɛsusu nnipa bi a wɔtenaa ase tete no ho na yɛahwɛ sɛnea wɔtwaa nneɛma ho mfoni wɔ wɔn adwenem na yɛasuasua wɔn. Wei bɛma yɛn gyidi ayɛ den. Yɛbɛsan nso ahu sɛnea sɛ yɛdwendwene nneɛma ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa dɔ, n’ayamye, ne ne nyansa, na ama yɛn ani agye te sɛ ɔno.
NEA ƐWƆ WEI MU NSO
ANIM: Anuanom mmienu ne obi resua Bible
ARMENIA
NNIPA DODOW
3,026,900
ADAWURUBƆFO
11,143
DAA AKWAMPAEFO
2,205
23,844
Nnipa a wɔkɔɔ April 14, 2014, Nkaedi no dodow boro adawurubɔfo no so mmɔho mmienu