Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ September 7
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ SEPTEMBER 7
Dwom 3 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 30 ¶1-9 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahemfo 12-15 (simma 8)
No. 1: 2 Ahemfo 13:12-19 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Ɔhaw 10 No—my adesua 32 (simma 5)
No. 3: Nwoma Ahodoɔ a Ɛwɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm Mu no Ka Deɛn Ho Asɛm?—igw kr. 31 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome yi Asɛmti: “Me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Yehowa.”—Yos. 24:15.
10 min: Wode Yɛɛ Adwuma? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Bere a yɛresusu asɛm a ɛne, “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Tete Adawurubɔfo Foforo” ho no, wɔkaa sɛ yɛmfa nyɛ adwuma. Ma atiefo nka sɛnea nyansahyɛ no aboa wɔn ne osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔanya.
10 min: Ɛyɛ W’abusua no Su Sɛ Mobɛkɔ Asafo Nhyiam Daa? Ɔkasa a ɛgyina Hebrifoɔ 10:24, 25 so. Bisa onua bi ne ne yere ne ne mma nsɛm. Dɛn na abusua ti no yɛ de hwɛ sɛ obiara ma adesuakɔ yɛ n’ahiasɛm? Nneɛma bɛn na abusua no muni biara yɛ na ama wɔatumi akɔ asafo nhyiam daa? Bere bɛn na wɔsiesie wɔn ho na wɔatumi ama mmuaeɛ wɔ adesua ase? Dɛn na wɔde bɔ afɔre na wɔatumi akɔ? Hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔnkɔ asafo nhyiam daa na wɔmfa wɔn ho nhyem.
10 min: Wobɛtumi De Nokware no Adua W’abusuafo Mu? (Aso. 10:24, 33, 48) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Hwɛ 2015 Yearbook kratafa 87, nkyekyɛm 1-2; ne kratafa 90, nkyekyɛm 1-3. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
Dwom 118 ne Mpaebɔ