Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ June 15
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ JUNE 15
Dwom 77 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 26 ¶1-9 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Samuel 22-24 (simma 8)
No. 1: 2 Samuel 22:21-32 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Wɔde Yosef Kɔto Afiase—my adesua 22 (simma 5)
No. 3: Ɔdɔ ne Ɔsetie De Anigye Ba—igw kr. 22 ¶4-6 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Kae tete.’—Deut. 32:7.
12 min: Bible Mu Nipa Bɛn na Wopɛ N’asɛm Paa? Nsɛmmisa ne ɔkasa. Di kan bisabisa mmofra mmienu anaa mmiɛnsa nsɛm. Bible mu nnipa bɛn na wɔpɛ n’asɛm paa? Dɛn na Bible ka fa ne ho? Dɛn na ɔyɛe a wɔpɛ sɛ wɔsua? Wowie a, ma atiefo nhu sɛnea mmofra bɛtumi asua nneɛma pii afi Bible mu nnipa bi hɔ. Wɔn ho asɛm wɔ jw.org, baabi a wɔato din “Nkrataa a Ɛfa Bible Mu Nnipa Ho.” (Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMOFRA.) Bible mu nipa biara a wɔbɛka ne ho asɛm no, wɔde ne mfonini ba. Afei wobɛhu map a ɛkyerɛ baabi a ɔtenae ne bere a ɔtenaa ase. Bio nso wobɛhu ne ho nsɛmmisa mmiɛnsa ne ɛho mmuae. Wobɛtumi atwe bi aprente. (Sɛ monni Intanɛt a mode bɛkɔ jw.org so a, kyerɛ sɛnea anuanom bɛtumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm adi dwuma koro no ara.) Hyɛ awofo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa saa kwan yi so mmoa wɔn mma ma wɔnhu nneɛma a ɛsii “tete.”—Deut. 32:7.
18 min: “Dɛn na Wobɛtumi Asua Afi Adawurubɔfo a Wɔn Ho Akokwa Hɔ?” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Sɛ modu nkyekyɛm mmienu a, ma atiefo nka nea wɔsuae bere a wɔne ɔdawurubɔfo a ne ho akokwa reyɛ asɛnka adwuma no.
Dwom 4 ne Mpaebɔ