Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ June 8
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ JUNE 8
Dwom 6 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 25 ¶17-21, adaka a ɛwɔ kr. 259 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Samuel 19-21 (simma 8)
No. 1: 2 Samuel 19:24-37 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Ɛdɛn na Woyɛ a, Ɛbɛma W’ani Agye?—igw kr. 22 ¶1-3 (simma 5)
No. 3: Yosef Nuanom Tan No—my adesua 21 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Kae tete.’—Deut. 32:7.
10 min: ‘Kae Tete.’ Ɔkasa a ɛgyina bosome yi asɛmti so. Kenkan Deuteronomium 4:9 ne 32:7 ne Dwom 71:15-18 na kyerɛkyerɛ mu. Ma anuanom nhu sɛ wɔbɛtumi asua nneɛma pii afi Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu. Wɔbɛtumi ahwɛ nnipa a wɔdii akoten wɔ asɛnka adwuma no mu ne nneɛma bi a ɛsisii. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa asɛm a wɔato din “Tete Wɔ Bi Ka” a ɛtaa pue Ɔwɛn-Aban mu no bi nyɛ Abusua Som. Nsɛntitiriw bɛn na yɛbɛsusu ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase bosome yi? Kyerɛ sɛnea ɛfa asɛmti no ho.
20 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! Yɛ Bible Adesua Wɔ Pon Ano.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ; ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛdi ho dwuma. Hwɛ asafo no asɛnka kyerɛwtohɔ na ma wɔnhu adanse a ɛkyerɛ sɛ mobɛtumi ayɛ Bible adesua pii. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwa nyɛ ɔyɛkyerɛ. Ɔmfa adaka no mu nsɛm nkyerɛ sɛnea yɛbɛtumi ayɛ Bible adesua wɔ pon ano. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔnsua sɛnea yɛyɛ Bible adesua wɔ pon ano.
Dwom 29 ne Mpaebɔ