Asasesin a Wɔmfa Mmaa Obiara—Wobɛkɔ Akɔboa?
Woakɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa mmaa obiara mu pɛn? Sɛ saa a, hwɛ anigye ara a wonyae! Ɔsom afe a ɛtwaam no, adawurubɔfo 747 kɔyɛɛ adwuma wɔ nsasesin 477 mu. Bere a yɛfii 2015 ɔsom afe yi ase no, yɛhuu sɛ nkurow ne nkuraa bɛboro 8,000 wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkɔka asɛm no wɔ hɔ. Wobɛkɔ akɔboa?
Wɔkaa wei ho asɛm wɔ krataa bi a wɔde kɔmaa asafo ahorow December 1, 2014 mu. Sɛ wobɛtumi akɔboa ma wɔayɛ asasesin ahorow yi mu adwuma a, adɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ w’asafo mu mpanyimfo? Wɔbɛboa ma woahu asasesin a wobɛtumi akɔyɛ mu adwuma. Nsasesin yi bi wɔ Upper East, Upper West, Northern, Brong Ahafo, ne Volta mantam mu.
Adawurubɔfo 2 kɔsi 20 bɛtumi akyerɛw akɔ Betel ma wɔama wɔn asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma. Sɛ wɔma obi asasesin a, ɔrenni mmoro abosome mmiɛnsa. Wode wo “lif” anaa akwamma bere kɔyɛ adwuma a ɛte saa a, wo werɛ remfi da. Sɛ yɛkɔyɛ asasesin a ɛnhyɛ obiara nsa mu adwuma a, yɛboa nkurɔfoɔ ma wɔhu nokware no. Baabi a nnipa hyɛ biara, yɛma wɔnya hokwan bɛka Yehowa nkurɔfoɔ ho na yɛn nyinaa abom ayi no ayɛ. Wobɛtumi akɔboa? Nhyira a ɛnni kabea da hɔ retwɛn wo!—Ɔsɛnk. 11:6; Yes. 54:13.