Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”?
Wobɔ nnwuma pa ho mmɔden? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa, efisɛ yɛn na yɛbɔ Ahenni no ho dawuro. Momma yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ Tito 2:11-14:
Nkyekyɛm 11: Dɛn ne “Onyankopɔn adom,” na mfasoɔ bɛn na yɛn mu biara anya afi so?—Rom. 3:23, 24.
Nkyekyɛm 12: Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam n’adom so kyerɛkyerɛ yɛn?
Nkyekyɛm 13 ne 14: Seesei a yɛn ho ate yi, dɛn na yɛrehwɛ kwan daakye? Ade titiriw bɛn nti na Yehowa ate yɛn ho afi wiase nkekae ho?
Ɔkwan bɛn so na Bible mu nsɛm a yɛasusu ho yi bɛboa wo ma woabɔ nnwuma pa ho mmɔden?