Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 26
DAPƐN A EFI ASE MAY 26
Dwom 60 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 7 ¶18-22, adaka a ɛwɔ kr. 75 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Exodus 34-37 (Simma 10)
No. 1: Exodus 34:1-16 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn Nti na Seesei Asase Nyɛ Paradise?—fg adesua 5 asɛmmisa 2 (Simma 5)
No. 3: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Wɔn a Wɔawuwu No?—ol adesua 4 ¶14 ne adaka a ɛwɔ kr. 14 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: Fi Bible Adesua Ase wɔ Memeneda a Edi Kan no Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Memeneda a edi kan wɔ bosome biara mu no, yɛkɔhwehwɛ Bible adesua foforo. Ma atiefo nka osuahu a wɔanya no bi nkyerɛ. Memeneda a edi kan wɔ June mu nso yɛbɛkɔ akɔhwehwɛ Bible adesua foforo, enti ma wɔmfa asɛm a yebetumi aka de afi Bible adesua ase a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ mu.
10 min: Sɛ Yegyina Ɔtaa Mu a, Etumi Yɛ Adansedi Kɛse. (Luka 21:12, 13) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina 2013 Yearbook no so. Ɛwɔ kratafa 124, nkyekyɛm 1; ne kratafa 128, nkyekyɛm 1-2. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a asafo mu panyin di ho dwuma. Ma adawurubɔfo a wɔn awofo de Bible mu nokware a emu dɔ kyerɛkyerɛɛ wɔn fi wɔn mmofraase nka mfaso a wɔanya afi mu.
Dwom 88 ne Mpaebɔ