Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 12
DAPƐN A EFI ASE MAY 12
Dwom 49 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 7 ¶1-8 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Exodus 27-29 (Simma 10)
No. 1: Exodus 29:19-30 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na Yesu Reyɛ Seesei?—fg adesua 4 asɛmmisa 5 (Simma 5)
No. 3: Nea Bible Ka Fa Ɔkra ne Honhom Ho—ol adesua 4 ¶5-9 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
15 min: Aman Nyinaa Bɛsen Yuu Akɔ Hɔ. (Yes. 2:2) Bisabisa adawurubɔfo mmienu nsɛm. Baako yɛ obi a watena nokware no mu akyɛ, na baako nso nkyɛɛ pii. Dɛn na ɛmaa wɔn ani gyee nokware no ho? Nsɛnnennen bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi so? Da a edi kan a wɔkɔɔ asafo nhyiam no, dɛn na wohui a wɔn ani gyee ho paa? Bere a edi kan a wɔkɔɔ asɛnka no nneɛma kɔɔ sɛn? Mmoa bɛn na wɔanya afi asafo no mufo hɔ a ama wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu?
15 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwinnwen Nea Wubedi Kan Aka Ho.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiatia mmienu. Ɔyɛkyerɛ a edi kan no, ɔdawurubɔfo no nnianim nsɛm ankɔ yiye, efisɛ wannye bere annwinnwen ho. Nea ɛtɔ so mmienu no de, odii kan dwennwenee nea ɔbɛka ho enti ɛkɔɔ yiye. Sɛ bere wom a, fa nsɛm a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 215-219 no bi ka ho.
Dwom 117 ne Mpaebɔ