Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 5
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 5
Dwom 77 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 12 ¶20-25, adaka a ɛwɔ kr. 151 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Romafo 1-4 (Simma 10)
No. 1: Romafo 3:21–4:8 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nea Enti a Nokware Kristofo Bu Wɔn Ho sɛ Wɔyɛ “Ahɔho ne Amamfrafo” wɔ Wiase no Mu.—1 Pet. 2:11; 1 Yoh. 2:15-17 (Simma 5)
No. 3: Ahobammɔ Bɛn na Nokware Kristofo Benya wɔ Ahohiahia Kɛse no Mu?—rs-E kr. 315 ¶3–kr. 316 ¶3; +w06 5/15 kr. 23 ¶9–kr. 24 ¶12 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ August Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan Luka 5:27-32. Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu no ho.
Dwom 119 ne Mpaebɔ