Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 8
DAPƐN A EFI ASE JULY 8
Dwom 43 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 11 ¶15-21 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 15-17 (Simma 10)
No. 1: Asomafo Nnwuma 16:16-34 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Sɛ Kristoni Bi Hyia Ɔtaa a, Dɛn Nti na N’ani Betumi Agye?—Mat. 5:11, 12 (Simma 5)
No. 3: Bere a Ɔsomafo Paulo Kae sɛ “Wɔbɛfa” Kristofo Akɔ Ma Wɔne Awurade Akɔtena no, na Dɛn Ho Asɛm na Ɔreka?—rs-E kr. 312 ¶1-2; +w08 9/15 kr. 29 ¶5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Wɔfa So Ka Asɛmpa No—Anigyefo a Wobɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde no Mu. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 99, nkyekyɛm 2, kosi kratafa 100, nkyekyɛm 1 so. Ma atiefo nka sɛnea wɔde Yehowa Apɛde nhomawa no akyerɛ wɔn Bible asuafo kwan aba ahyehyɛde no mu ho asɛm.
10 min: Monsɔ Yehowa Nhwɛ, na Obehyira Mo Ma Abu So. (Mal. 3:10) Bisabisa daa akwampaefo baanu anaa baasa nsɛm. Dɛn na ɛma wɔn ani gye akwampae adwuma no ho paa? Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no ama wɔabɛn Yehowa? Ma wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔanya nkyerɛ. Sɛ worebewie a, hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonsusuw ho sɛ wɔbɛyɛ daa akwampaefo wɔ September mu.
10 min: “Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Yoel.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 54 ne Mpaebɔ