Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase April 8
DAPƐN A EFI ASE APRIL 8
Dwom 123 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 7 ¶14-20 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Luka 10-12 (Simma 10)
No. 1: Luka 12:1-21 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na Ɛkyerɛkyerɛ Su Ahorow a Mmusua Ahorow Da no Adi no Mu?—rs-E kr. 302 ¶2–kr. 303 ¶2 (Simma 5)
No. 3: Nea Enti a Yebu Yehowa sɛ Yɛn Agya—Mat. 6:9 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Wubetumi Ahyɛ Afoforo Nkuran. (Rom. 1:11, 12) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo de di ho dwuma. Ma wonhu daa akwampaefo dodow a wɔwɔ mo asafo no mu. Kyerɛ akwan a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran. Munsusuw nsɛm te sɛ nkamfo a yɛde bɛma wɔn, asɛnka a yɛne wɔn bɛkɔ, sika a yɛde bɛma wɔn aforo kar, anaa nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn ne wɔn adidi ho. Ma daa akwampaefo nkyerɛ sɛnea afoforo ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ daa akwampaefo nni asafo no mu a, ka sɛnea yebetumi ahyɛ wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma no nkuran ho asɛm.
10 min: Nsɛmmisa a Ɛfa Awiei Mmere no Ho a Yebebua. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 241, nkyekyɛm 5 kosi kratafa 243, nkyekyɛm 1 so. Ma wɔnyɛ nyansahyɛ no mu biako ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
10 min: “Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Yona.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 13 ne Mpaebɔ