Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 11
DAPƐN A EFI ASE JUNE 11
Dwom 123 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 22 ¶1-6 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Kwadwom 1-2 (Simma 10)
No. 1: Kwadwom 2:11-19 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Akwan Bɛn So na Nnipa ‘Resɛe Asase No’?—Adi. 11:18 (Simma 5)
No. 3: So Wɔde Nidi Soronko Maa Maria wɔ Afeha a Edi Kan Kristofo Asafo no Mu?—rs-E kr. 259 ¶3–kr. 260 ¶3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Dɛn na Yetumi Yɛe? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔkyerɛwfo no di ho dwuma. Ka nea mutumi yɛe wɔ Nkaedi bere no mu no ho asɛm, na kamfo asafo no wɔ nea moyɛe no ho. Ma atiefo nka osuahu a wonyae bere a wɔkyekyɛɛ Nkaedi nsato krataa, wɔkɔsraa anigyefo a wɔbaa Nkaedi no, ne akwampaefo aboafo adwuma a wɔyɛe no nkyerɛ.
20 min: “Nneɛma Dumien a Enti Yɛka Asɛm No.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Dwom 47 ne Mpaebɔ