Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase April 9
DAPƐN A EFI ASE APRIL 9
Dwom 123 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 19 ¶1-5, nnaka a ɛwɔ kr. 149-150 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 22-24 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 23:15-23 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nea Enti a Asetena wɔ Wiase Foforo no Mu Renyɛ Mfonoe (Simma 5)
No. 3: Kyerɛwsɛm Mu Afotu a Yɛde Di Dwuma Betumi Ama Aware Asɔ—rs-E kr. 254 ¶1-4 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
15 min: Fa Afe 2012 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Fa “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ” yɛ nnianim asɛm. Afei ma atiefo nka nsɛm a asisi ne osuahu a ɛhyɛ nkuran a efi “Highlights of the Past Year” (Afe a Etwaam no Mu Nsɛntitiriw) no mu nkyerɛ. Wɔ ɛno akyi no, ma wɔnka wiase nyinaa amanneɛbɔ no afã horow a ɛhyɛ nkuran paa ho asɛm. Sɛ worebewie a, hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan Yearbook no nyinaa.
15 min: “Akwankyerɛ Abiɛsa a Ɛbɛma Wo Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 no ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔdawurubɔfo a ɔne ofiewura bi resusuw Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 3, nkyekyɛm a edi kan ho no ho. Bere a ɔdawurubɔfo no akenkan Hiob 10:15 awie no, ɔde simma biako kosi abien kyerɛkyerɛ no onii ko a Hiob yɛ no mu. Sɛ owie a, bisa atiefo ma wɔnka nea enti a ɛwom sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ Hiob ho no yɛ nokware de, nanso ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no nyɛ papa.
Dwom 10 ne Mpaebɔ