Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 23
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 23
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahene 5-8
No. 1: 2 Ahene 6:8-19
No. 2: Dɛn Nti na Bible Nkyerɛase Pii Mfa Onyankopɔn Din Ankasa Nni Dwuma Anaasɛ Wɔde Di Dwuma wɔ Mmeae Kakraa Bi Pɛ? (rs-E kr. 193 ¶8–kr. 194 ¶4) (+bh kr. 195 ¶1–kr. 196 ¶3)
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Ɔhonam Akɔnnɔ Betumi Abɛyɛ Onyame? (Filip. 3:18, 19)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Fi Bible Adesua Ase Wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan no Ara mu Wɔ September Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma wɔ September mu, na yɛbɛbɔ mmɔden ne afiewuranom asusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. Munsusuw nyansahyɛ ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa ho. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.
20 min: “Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!”—Ɔfã 1. Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw nkyekyɛm 1-8 ho. Ma wɔmfa nyansahyɛ no mu biako anaa abien nyɛ ɔyɛkyerɛ.