Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 16
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 16
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahene 1-4
No. 1: 2 Ahene 1:1-10
No. 2: Nea Enti a Ahonyade Ntumi Mma Yɛn Akomatɔyam Daa (Ɔsɛnk. 5:10)
No. 3: Ɛhe na Yehu Onyankopɔn Din wɔ Bible Nkyerɛase a Wɔtaa De Di Dwuma Nnɛ no Mu? (rs-E kr. 191 ¶4–kr. 193 ¶7)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Boa Wo Bible Suani ma Ɔmmɛyɛ Ɔdawurubɔfo. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 78, nkyekyɛm 3 kosi kratafa 80 awiei so.
10 min: Ma Wonhu Mfaso a Ɛwɔ Asɛmpa no So. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 159 so. Ma atiefo nka nneɛma a ɛhaw nkurɔfo wɔ mo mpɔtam hɔ no ho asɛm. Ma wɔnkyerɛ akwan a yebetumi afa so aboa wɔn wɔ asɛnka mu.
10 min: “Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ munim da a mode bɛyɛ da koro nhyiam titiriw no a, ka ho asɛm.