Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 19
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 19
Dwom 86
□ Asafo Bible Adesua:
lv ti 11 ¶20-22, adaka a ɛwɔ kr. 131
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 7-10
No. 1: Deuteronomium 9:1-14
No. 2: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu (lr ti 38)
No. 3: Nnipa Baahe na Bible Ka sɛ Wɔwɔ Ɔsoro Anidaso? (rs-E kr. 166 ¶3-4) (+pe kr. 124 ¶13, 14)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 44
5 min: Nkaebɔ.
15 min: Nhwehwɛmu Betumi Aboa ma Yɛate Nsɛm Ase. Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 33 kosi kratafa 34, nkyekyɛm 2 so. Ma asɛm no mfa adawurubɔfo ho, na kyerɛ Bible asuafo sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu fa hyɛ wɔn nkuran na ahyɛ wɔn gyidi den. Eyi besiesie wɔn ma wɔatumi aka asɛm no akyerɛ afoforo daakye. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi betumi aboa Bible suani ma wate sɛnea mfaso wɔ nhwehwɛmu so no ase.
15 min: “Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.
Dwom 75