Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Momfa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi mma. Ɛbɛyɛ papa sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe de nhomawa biara a ɛfata a esum hɔ pii no ma. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, monkyerɛ wɔn sɛnea yɛyɛ Bible adesua tiawa ne sɛnea wobenya so mfaso. October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ mo ne wɔn befi Bible adesua ase. November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2009 Calendar of Jehovah’s Witnesses, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2009, ne 2009 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Yebenya Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2009 no bi wɔ Borɔfo, Ewe, Ga, Twi, ne kasa afoforo te sɛ Franse mu.
◼ Yɛde afe 2009 Afe Asɛm a Wɔatintim bɛbrɛ mo ma mode abɔ Ahenni Asa so NKUTOO. Wobetintim afe asɛm yi wɔ Borɔfo, Dangme, Ewe, Ga, Nzema ne Twi kasa mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔka kasa yi mu biara yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛfa asafo a ɛkra nhoma ma wɔn no so akra afe asɛm yi biako wɔ wɔn kasa mu aka nneɛma a wɔkra no afe afe a yɛaka ho asɛm yi ho wɔ nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no kratasin so. Sɛ morekra afe asɛm yi a, yɛsrɛ sɛ monkyerɛw nhyɛ baabi a hwee nni wɔ “Miscellaneous” afã hɔ wɔ S-14 no so. Ebia asafo no bɛpɛ sɛ woyi ntoboa wɔ Afe Asɛm a Wɔatintim no ho. Mubetumi de aka sika a mode mena Betel ɔsram biara no ho.
◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watew ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991 Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-23 no akyi.