Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/08 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 8/08 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 25, 2008 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina July 7 kosi August 25, 2008 adapɛn no mu no so.

ƆKASA SU

1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ntease adi bere a yɛne afoforo rebɔ nokware no ho nkɔmmɔ no? (Filip. 4:5) [be-TW kr. 251 nky. 3]

2. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Paulo ne Helafo a na wɔwɔ Areopago kasae a yebesuasua no bɛboa yɛn bere a yɛredi wɔn a wonnye Bible nni adanse no? (Aso. 17:22, 23) [be-TW kr. 252 nky. 1-2]

3. Ɛwom sɛ yebetumi ahu paa sɛ asɛm a onipa a yɛne no rekasa no reka no nyɛ nokware de, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ntease adi bere a yɛne no redi no? [be-TW kr. 253 nky. 1-2]

4. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm ma adan nkurɔfo ti no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? [be-TW kr. 255 nky. 3, adaka]

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada nhumu adi bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm ma aka otiefo bi koma no? (Mmeb. 20:5) [be-TW kr. 258 nky. 1-5]

DWUMADI 1

6. Sɛ wɔkyerɛ anuanom mmea ɔkwan a wɔmfa so nyɛ wɔn dwumadi a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem? [be-TW kr. 44 nky. 5-6]

7. Sɛ anuanom mmarima reyɛ Bible mu nsɛntitiriw a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ma ɛda adi? (Neh. 8:8) [be-TW kr. 47 nky. 2-3]

8. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ onua bi a ɔyɛ Ɔsom Nhyiam dwumadi a ɔyɛkyerɛ wom anaasɛ obisabisa afoforo nsɛm wom no yɛ dwumadi no? [be-TW kr. 49 nky. 5]

9. Ɔkwan bɛn so na Asomafo Nnwuma no si sɛnea ɛsɛ sɛ yedi adanse ne baabi a ɛsɛ sɛ yedi adanse kodu no so dua? (Aso. 20:20, 21; 28:23) [bsi08-1-TW kr. 16 nky. 35]

10. Dɛn na obi a ɔma baguam ɔkasa betumi ayɛ na ama ne kasa no ayɛ nea egyina Bible so? (Aso. 17:2, 3) [be-TW kr. 52 nky. 6–kr. 53 nky. 2]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Dɛn nti na na Filipini ofiasehwɛfo no pɛ sɛ ‘okum ne ho’? (Aso. 16:25-27) [w90 5/15-E kr. 25, adaka]

12. Bere a Aristarko ne Gaio hyiaa ɔtaa no, wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? (Aso. 19:29; 20:4, 5) [w08-TW 2/15 kr. 10 nky. 16-17]

13. Dɛn na Saul ‘nan a na ɔretu awɔ poma ano’ no kyerɛ? (Aso. 26:14) [w03-TW 10/1 kr. 32]

14. Ɔkwan bɛn so na “bɔne” nam mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no so “nyaa hokwan”? (Rom. 7:8, 11) [w08 6/15-TW “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Romafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]

15. Ɔkwan bɛn so na ‘yɛboaboa nnyasramma ano’ gu obi a ɔtan yɛn atifi? (Rom. 12:20) [w08 6/15-TW “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Romafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena