Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/08 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase August 11
  • Dapɛn a Efi Ase August 18
  • Dapɛn a Efi Ase August 25
  • Dapɛn a Efi Ase September 1
Yɛn Ahenni Som—2008
km 8/08 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

MONHYƐ NO NSOW: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 3” wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu a yebesusuw ho wɔ August 18 ne 25 adapɛn no mu. Sɛ mobɛyɛ ɔmansin nhyiam adapɛn yi mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe na wɔyɛ no dapɛn foforo mu, na wɔde bere a wɔde ama no nyinaa susuw ho.

Dapɛn a Efi Ase August 11

Dwom 63

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma dwumadi a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no nkyekyɛm 1-8 a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no. Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a woaka nsɛmma nhoma a aba foforo ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtẽẽ bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka ho asɛm de ama no nkyerɛ. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wobetumi akenkan? Ma mpanyimfo no mu biako mfa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a wasiesie a ɛbɛfata mo asasesin no nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa.

15 min: Do the Will of God—Without Distraction (Yɛ Onyankopɔn Apɛde a Biribiara Nsiw Wo Kwan). Ɔkasa a egyina “Come Be My Follower” nhoma no kratafa 93-94, nkyekyɛm 12-13 so.

18 min: “Wode Ne Nyinaa Redi Dwuma?”a Bisabisa ɔdawurubɔfo a watumi de nsɛm foforo a ɛba Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo mu no adi dwuma no nsɛm. Obetumi ayɛ ne suahu no ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, fa asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 2 no yɛ sɛnea yebetumi de “Nea Yesua Fi Yesu Hɔ,” a ɛwɔ August 1 Ɔwɛn-Aban mu no afi Bible adesua ase no ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 26

Dapɛn a Efi Ase August 18

Dwom 135

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 3.”b Munsusuw nkyekyɛm 1-8 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma nkyekyɛm 9-16 a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no.

Dwom 61

Dapɛn a Efi Ase August 25

Dwom 24

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 3.”c Munsusuw nkyekyɛm 9-16 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛɛ dwumadi yi dapɛn a etwaam no ara di eyi ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho.

Dwom 196

Dapɛn a Efi Ase September 1

Dwom 112

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka April Ɔsom Akontaabu ho asɛm tiawa, na kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔde wɔn akontaabu baa ntɛm. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa August asɛnka akontaabu mma.

20 min: “Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ.”d Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

15 min: Fi Bible Adesua Ase wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan no mu wɔ September Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ September mu no, yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛne ofiewura no besusuw nkyekyɛm kakra ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Ka nyansahyɛ a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ March 2006 Yɛn Ahenni Som mu no ho asɛm, na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.

Dwom 74

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena