Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase April 14
Dwom 183
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban ne April Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
20 min: “Monkyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ.”b Ma atiefo nka osuahu a wɔanya wɔ obi a ne dɔfo wui a wɔkyekyee ne werɛ ho asɛm.
Dwom 42
Dapɛn a Efi Ase April 21
Dwom 171
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae atiefo sɛ wɔmfa May 1 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! no mmra Ɔsom Nhyiam ase wɔ dapɛn a edi hɔ no mu, na wonsiesie wɔn ho sɛ wobesusuw akwan a ɛfata a mobɛfa so de ama wɔ mo asasesin no mu ho. Ka December asɛnka akontaabu no ho asɛm tiawa. Kamfo anuanom nyinaa, na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mmra ntɛm.
35 min: “So Ɛsɛ sɛ Me Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo Te Hɔ?”c Munsusuw nkyekyɛm 1-10 ho. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin a ɔyɛ eyi ho nhwɛso pa di ho dwuma. Kenkan nkyekyɛm ahorow no bi na kenkan kyerɛw nsɛm no bi sɛnea bere bɛma kwan. Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a ɛwom no nyinaa ho asɛm na wɔnkyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Kamfo wɔn a wɔde afotu no dii dwuma mfe bi a atwam no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa mpaebɔ nsusuw asɛm no ho. Sɛ anuanom a wɔde afotu no adi dwuma no bi wɔ asafo no mu a, ma wɔn mu baako anaa baanu nka nhyira a wɔn abusua no anya afi mu.
Dwom 183
Dapɛn a Efi Ase April 28
Dwom 55
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa April asɛnka akontaabu mma. Bere a woaka May 1 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! nsɛmma nhoma no ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa nkyerɛ. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wobetumi akenkan? Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma kyerɛwsɛm no afa asɛm no ho? Fa nyansahyɛ a atiefo de bɛma anaa nea wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea yɛde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
30 min: “So Ɛsɛ sɛ Me Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo Te Hɔ?”d Munsusuw nkyekyɛm 11-18 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a odii ho dwuma nnawɔtwe a etwaam no ara di ho dwuma. Kenkan nkyekyɛm ahorow no bi ne kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no. Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a ɛwom no nyinaa ho asɛm na wɔnkyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa mpaebɔ nsusuw afotu no ho na wonsi wɔn bo sɛ wobedi so. Hyɛ awofo ne mmofra nyinaa nkuran na ne titiriw no, wɔnsan nkenkan asɛm a ɛwɔ March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban kratafa 25-28, a asɛmti no ne “So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo No Te Hɔ?” ne Ɔwɛn-Aban afoforo a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyɛm 13 no.
Dwom 164
Dapɛn a Efi Ase May 5
Dwom 217
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Yehowa Rennyaw Wo Da. Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina October 15, 2005, Ɔwɛn-Aban no kratafa 8-11 so.
20 min: “Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu.”e Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 6-8 mu nsɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛne “Sɛnea Wubenya So Mfaso Pii” no ka ho.
Dwom 11
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.