Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 11
  • Dapɛn a Efi Ase June 18
  • Dapɛn a Efi Ase June 25
  • Dapɛn a Efi Ase July 2
Yɛn Ahenni Som—2007
km 6/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase June 11

Dwom 153

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Wɔasiesie Yɛn Koraa Sɛ Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo. Ɔkasa a egyina February 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no kratafa 24-28 so. Kristofo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka akyerɛ anigyefo sɛ wɔne wɔn besua Bible no efisɛ wɔte nka sɛ wontumi nyɛ. Nanso, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom kronkron, ne n’ahyehyɛde no so ma yɛfata sɛ asomfo. Ɛnyɛ yɛn botae ara ne sɛ yɛde nhoma bɛma afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. (Mat. 28:19, 20) Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛyɛ Bible adesua.

20 min: Monyɛ Ade Nyinaa Mfa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 13 so.

Dwom 144 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 18

Dwom 217

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

15 min: So Wokae? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina April 15, 2007, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19 no so.

20 min: “Yɛn Ani Gye sɛ Yɛbɔ Yɛn Ho Mmɔden wɔ Yehowa Som Mu!”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 25

Dwom 15

10 min:  Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde June 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Wubetumi Ahyɛn ‘Dwumadi Kɛse Bi Pon’ Mu?”b Fa bere tiaa bi bisabisa daa ɔkwampaefo anaa daa akwampaefo baanu nsɛm. Nsakrae bɛn na wɔyɛe ansa na wɔretumi ayɛ daa akwampae adwuma no bi? Nhyira horow bɛn na wɔanya?

Dwom 138 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 2

Dwom 208

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn June asɛnka akontaabu mma. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ July mu, na ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Bɔnnɔ So Adansedi—Ɔkwan Titiriw a Wɔfa So Ka Asɛmpa No. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde no kratafa 101-102 so. Fa akwan pa a wɔfa so di adanse bɔnnɔ so no bi ho nyansahyɛ ma. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wodii adanse bɔnnɔ so nkyerɛ.

20 min: “Kɔ So ‘Sow Aba Pii.’”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 no ho a, fa adaka mu asɛm “Sɛnea ‘Yɛnam Boasetɔ So Sow Aba’” a ɛwɔ February 1, 2003, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21 no ka ho.

Dwom 69 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena