Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 12
Dwom 153
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde March 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea yɛde March Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Bere a Yɛn Dɔfo Bi Agyae Yehowa Som. Ɔkasa a asafo mu panyin ma a egyina September 1, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-21 so.
20 min: “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa March 2006 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1, nkyekyɛm 3 mu nsɛm a ɛfa sɛnea yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no akyerɛkyerɛ Nkaedi no mu akyerɛ anigyefo a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn no ka ho.
Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 19
Dwom 45
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Tĩ adaka mu asɛm “Nkaedi Ho Nkaebɔ” a ɛwɔ kratafa 3 no mu nsɛntitiriw mu.
20 min: Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 10 so.
15 min: “Wubebua Dɛn?”b Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa fa kyerɛ sɛnea yebetumi de ɔfã yi adi dwuma wɔ abusua adesua mu bere ne bere mu.
Dwom 216 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 26
Dwom 115
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa March asɛnka akontaabu mmra. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea yɛde March Awake! ne krataa titiriw a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase no bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
17 min: “So April Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?”c Ma wonnya botae foforo a ɔman yi ne mo asafo no de asi mo ani so no ho anigye. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu wɔ April mu ne ɛno akyi ɔsram biara. Asafo mu mpanyimfo besusuw ho ahwɛ wɔn a wɔyare a ɛsɛ sɛ wɔde anyɛ yiye koraa simma 15 yɛ asɛnka adwuma no. (km-TW 3/02 kr. 5, nky. 6) Ka “Asɛnka Akontaabu a Ɛka Akyi” a ɛwɔ November 2006 Yɛn Ahenni Som mu no ho asɛm tiawa, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra ntɛm.
18 min: Dɛn na Memfa M’asetra Nyɛ? (What Should I Do With My Life?) Ɔkasa a egyina July 2006, Awake! kratafa 23-25 so. Bisabisa onipa baako anaa nnipa baanu a wowiee ntoaso sukuu no wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu no nsɛm. Dɛn nti na wɔpaw bere nyinaa som adwuma no? Nhyira bɛn na wɔanya?
Dwom 148 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 2
Dwom 177
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Tĩ asɛm a wɔde reto nsa afrɛ afoforo a ɛwɔ April 1, 2007 Ɔwɛn-Aban no akyi no mu, na hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnto nsa mfrɛ anigyefo mma wommetie ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 15 no.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Kɔ So Boa Wɔn a Wɔbaa Nkaedi No. Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Ka nnipa dodow a wɔbaa mo hɔnom Nkaedi no kyerɛ, na kyerɛ anigyefo dodow a ɛbɛyɛ sɛ wɔbae. Ka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a ɛfa wɔn a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase ho, anaa wɔn a wɔka kyerɛɛ anuanom a wogye ahɔho no wɔ Nkaedi no akyi sɛ wɔpɛ sɛ yɛne wɔn yɛ Bible adesua no ho asɛm kyerɛ. Kyerɛ sɛnea yebetumi aboa wɔn a wɔbaa Nkaedi no ma wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii. (Hwɛ km-TW 3/06 kr. 1, nky. 5; km-TW 2/05 kr. 4, nky. 9; km-TW 2/04 kr. 5, nky. 16.) Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnsan nkɔsra wɔn ntɛm ara.
Dwom 179 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.