Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase June 12
Dwom 218
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban ne June Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no bɛma wɔ bɔnnɔ so.
20 min: “Yɛn Som Adwuma No—Ɛma Yɛda Mmɔborohunu Adi.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
15 min: “Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No Mu Ahotoso a Yebenya. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde no ti 3 so.
Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 19
Dwom 21
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
20 min: Asɛm a Wɔka Ne Bere Mu, Eye Dɛn Ara! Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina January 1, 2006 Ɔwɛn-Aban kratafa 16-19 so. Wɔ nnianim asɛm no mu no, si afoforo a yɛbɛkamfo wɔn no so mfaso a wɔaka ho asɛm wɔ asɛmti ketewa “Mfaso a Ɛwɔ So” ase no so dua. Afei ma atiefo nka nsɛmmisa a edidi so yi ho asɛm: Hena na ɔfata ayeyi paa? Dɛn nti na yɛn mfɛfo asomfo fata nkamfo? Hokwan ahorow bɛn na yebetumi anya de akamfo afoforo wɔ asafo no mu? Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛkamfo yɛn abusuafo, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa? Ɔkwan bɛn so na wɔakamfo wo ma ahyɛ wo den?
15 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Nkamfo a Wode Bɛma So.”b Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi atɔ ne bo ase retie ofiewura bi na ofi ne komam de nkamfo ma no, na afei ogyina nea ofiewura no ka so kenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛ no.
Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 26
Dwom 63
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin no mu yɛ sɛnea wɔde June 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wowie ɔyɛkyerɛ biara a, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no bisa asɛm bi a ɛkanyan adwene a wobetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no abua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
30 min: “Yehowa Adansefo Afe 2006 ‘Yɛn Nkwagye Abɛn!’ Ɔmantam Nhyiam.”c Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Hyɛ obiara nkuran ma wɔnyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe anim anim yi ara.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 3
Dwom 111
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ, sɛ wɔmfaa wɔn June asɛnka akontaabu mmae a, wɔmfa mmra.
15 min: Asɛmpa no a Yɛbɛka Akyerɛ wɔ July Mu. Nsɛm bɛn na mo asasesin no mu nnipa dodow no ara ani gye ho? Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no adi dwuma yiye na ebia wɔafi Bible adesua ase no nsɛm. Afei fa ɔkwan a mofa so ka asɛm no ma etu mpɔn wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea mode nhoma no bɛma wɔ afie afie mu no ho ɔyɛkyerɛ.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8, nkyekyɛm 5.
20 min: “Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho.”d Ma mo asafo no mu mmabun nka ɔsom mu botae ahorow a wɔde asisi wɔn ani so ne nea wɔreyɛ a ɛbɛma wɔadu ho no ho asɛm. Wubetumi ne wɔn mu baako anaa baanu adi kan ayɛ ho nhyehyɛe.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.