Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 8
Dwom 125
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kae adawurubɔfo da a mobɛkɔ da koro nhyiam titiriw no.
12 min: Asafo mu ahiade.
23 min: “Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛka Asɛm no Ni!” Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔkwampaefo baako anaa akwampaefo baanu nka nsakrae a wɔyɛe a ɛma wɔyɛɛ akwampaefo ne mfaso a wɔanya afi saa a wɔyɛe no mu nkyerɛ.
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 15
Dwom 11
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde August 1 Ɔwɛn-Aban ne August 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔpanyin ne ɔdawurubɔfo bi a ɔyare nyɛ telefon so adansedi ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: So Wokae? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina April 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30 so. Ma atiefo mma asɛmmisa no mu biara ho mmuae. Si mfaso a ɛwɔ nsɛm no mu so dua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Ɔwɛn-Aban ne Awake! no mu biara yiye.
20 min: “Bible Adesua a Yebefi Ase Wɔ Pon Ano Anaa Telefon So.” Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi mfa nkyerɛ sɛnea wɔde Ahwehwɛde nhomawa no mu nkyekyɛm biako anaa abien fi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu. Ka sɛnea wɔde telefon fi adesua ase mu suahu biako anaa abien bi a ɛhyɛ nkuran ho asɛm tiawa.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 22
Dwom 161
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ.
22 min: “Kristofo—Yɛn Ahosiesie Ho Hia!” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma.
15 min: “Ahenni Asɛnka—Hokwan a Ɛsom Bo.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, tĩ nhyehyɛe soronko a wɔayɛ ama wɔn a onyin anaa yare nti wontumi nyɛ pii, na wobetumi abu simma 15 ne akyi a wɔde yɛ asɛnka adwuma no ho akontaa no mu.—Hwɛ October 2002 Yɛn Ahenni Som, kr. 8, nky. 6.
Dwom 204 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 29
Dwom 45
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa August asɛnka akontaabu mmra. Sɛ nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde August 15 Ɔwɛn-Aban ne August 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma wɔnyɛ obi a wɔma no nsɛmma nhoma daa so sankɔhwɛ.
15 min: “Wodi Adanse a Wɔnkasa.” Ma adawurubɔfo bi a woapaw wɔn nka sɛnea ɔbra pa a wohui wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho no boaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo.
20 min: Fa Bible no Di Dwuma Wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Tĩ nyansahyɛ a ɛwɔ September 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4, nkyekyɛm 2, a ɛkyerɛ sɛ yɛntwe adwene nsi Onyankopɔn Asɛm so wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no mu. Ma wɔmfa nsɛm a wobetumi aka no biako anaa abien nyɛ sɛnea wɔde nhoma bɛma wɔ September mu no ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi asusuw nyansahyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som mu a ɛkyerɛ nsɛm a yebetumi aka de nhoma ama no nso ho, na monyɛ ho ɔyɛkyerɛ sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 5
Dwom 98
12 min: Asafo mu nkaebɔ. “Wode Nsaano Krataa Bedi Dwuma?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɔdawurubɔfo bi de nsaano krataa reto nsa afrɛ obi a n’ani gye asɛm no ho sɛ ɔmmra nhyiam bi ase.
15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 12.” Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu nka nea ɛboaa wɔn ma wotumi fii Bible adesua ase na wɔtoaa so yɛe no nkyerɛ.
18 min: Nhyehyɛe a Mobɛyɛ De Aboa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina August 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28 kosi 29 so, wɔ asɛmti ketewa “Nhyehyɛe a Wɔyɛ So Wɔ Mfaso” no ase. Ka nhyehyɛe a moayɛ wɔ asafo no mu a mode boa ayarefo ne wɔn a wɔanyinyin no ho asɛm.
Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.