Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 9
Dwom 57
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kae atiefo ma wɔmfa Ahwehwɛde nhomawa no mmara dapɛn a edi hɔ no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wɔde August 1 Ɔwɛn-Aban ne August 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmbɔ kwan, a ɛne “Adɛn nti na motaa ba ha saa?” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 12.
15 min: “Boasetɔ so Wɔ Akatua.” Ka December 15, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 22-3, nkyekyem 15-18 mu nsɛm tiawa ka ho.
20 min: Fa Nkratawa Fi Bible Adesua Ase. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina December 2001 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3-4 no so. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ nkyekyɛm 5 mu no, si so dua sɛ, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ma ɛne osuani biara nsɛm tebea hyia. Ma wɔmfa nkyekyɛm 8-10 nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien. Sɛ mowɔ ɔkwan foforo a etu mpɔn wɔ mo mpɔtam hɔ a, kyerɛkyerɛ mu na momfa ɛno mmom nyɛ ɔyɛkyerɛ no. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wonyae bere a na wɔde So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa redi dwuma no.
Dwom 74 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 16
Dwom 189
8 min: Asafo mu nkaebɔ.
17 min: “Yenya Afie-Afie Asɛnka Adwuma no So Mfaso.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 no ho a, bisa atiefo ma wɔnka nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no ho suahu a wɔwɔ. Munsusuw nea mubetumi de adi dwuma a adwene no ne sɛ mobɛhyɛ obiara nkuran ma ɔde ne ho ahyɛ afie-afie asɛnka adwuma no mu pii ho.
20 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 2.” Ma wɔmfa simma nnum nyɛ ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo bisa ɔpanyin bi sɛnea obetumi aboa Bible suani bi ama wanya nkɔso. Ɔpanyin no ka sɛ, ade a ɛnyɛ ne sɛ yɛde bere pii besusuw nsɛm nketenkete a ɛho nhia ho. Bere a ɔpanyin no de adesua a ɛto so 9 wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu redi dwuma no, ɔkyerɛ ɔdawurubɔfo no sɛnea (1) ɔde n’adwene besi adesua no mu nsɛntitiriw so, (2) ɔde kyerɛw nsɛm a ɛwom no bedi dwuma wɔ ɔkwampa so, (3) ɔbɛma adesua no afa osuani no ho. Ma ɔdawurubɔfo no nhu sɛ ahosiesie a obedi kan ayɛ no ho hia bere biara a wɔbɛyɛ adesua no.
Dwom 85 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 23
Dwom 33
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 hɔ no fata asasesin a mo asafo no yɛ mu adwuma no a, fa yɛ sɛnea wɔde August 15 Ɔwɛn-Aban ne August 22 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo so ayɛ ɔyɛkyerɛ no. Ka ntoboayi ho nhyehyɛe no kyerɛ no.
10 min: “Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm a ɛwɔ kratafa 4 no so.
20 min: Creator Nhoma no a Yɛde Bɛma Wɔ September Mu. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Ka nsɛm bi a nnipa binom aka afa nhoma no ho. (w99 6/15 kr. 25-6) Bɔ nhoma no mu nsɛm mua na si nsɛm pɔtee bi a ebia wɔn a wɔwɔ mo asasesin no mu ani begye ho no so dua. (km 2/99 kr. 1; km 4/99 kr. 2; km 9/99 kr. 2) Kyerɛ sɛnea wɔbɛka asɛm tiawa a ne nnianim nsɛm no fi Reasoning nhoma anaa Yɛn Ahenni Som mu, akenkan kyerɛw nsɛm biako, de asɛm bi anaa asɛmti bi a efi Creator nhoma no mu aka ho. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nyɛ ɔyɛkyerɛ.
Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 30
Dwom 90
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mma.
15 min: “Asomfo Ntetee Sukuu—Ɔpon Kɛse a Emu Adwumayɛ Dɔɔso.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔ. Fa nsɛm a ɛwɔ 2004 Yearbook, kratafa 239-40 ka ho. Ka nhyiam a wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi bɛyɛ wɔ ɔmansin nhyiam ase no ho asɛm. Hyɛ wɔn a wɔfata no nkuran sɛ wɔnkɔ nhyiam yi bi.
20 min: Woanya So Mfaso? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Tĩ nyansahyɛ a edidi so yi a epuei wɔ Yɛn Ahenni Som mu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu: Kyerɛw wo nnianim nsɛm ntiantiaa gu kratasin bi so. (km 10/03 kr. 8) Fi koma mu fa nkamfo pɔtee ma. (km 11/03 kr. 1) Di adanse bere a nnipa dodow no ara wɔ fie. (km 12/03 kr. 1) Fa bere pɔtee bi si hɔ fa yɛ Bible akenkan, siesie wo ho ma nhyiam ne asɛnka. (km 1/04 kr. 4) Fa “Asase Pa” nhomawa no di dwuma bere a woreyɛ kokoam adesua ne Bible akenkan no. (km 3/04 kr. 2) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa. (km 4/04 kr. 1) Di adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu. (km 7/04 kr. 4) Fa nkratawa fi Bible adesua ase. (km 8/04 kr. 2) Ma atiefo nka mfaso a wonyae bere a wɔde nyansahyɛ ahorow yi dii dwuma no.
Dwom 145 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 6
Dwom 197
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “Adawurubɔfo Foforo ne Wɔn a Wɔasan Afi Asɛnka Ase a Yɛbɛboa Wɔn wɔ Asɛnka Adwuma Mu.” Ma obi a ɔreboa ɔdawurubɔfo ma wasiesie ne ho ama asɛnka mfa nyansahyɛ a ɛwɔ asɛm yi mu no bi nyɛ ɔyɛkyerɛ. Sɛnea bere bɛma kwan no, ma adawurubɔfo bi a wɔadi kan asiesie wɔn ho nka mfaso ne anigye a wɔanya afi afoforo a wɔaboa wɔn mu. Ma afoforo nso nka mmoa a wɔanya afi nyansahyɛ yi mu.
20 min: “Kyerɛ Akwampae Adwuma no Ho Anigye.” Bisabisa ɔkwampaefo biako anaa baanu nsɛm tiawa. Ma wɔnka sɛnea awofo, mpanyimfo anaa afoforo nhwɛso ahyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu.
Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.