Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. Sɛ mode nhomawa no rema a, momfa mo adwene nsi ofie Bible adesua a mubefi ase so. July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. September: Is There a Creator Who Cares About You? Sɛ munni bi a, mubetumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? ama.
◼ Wɔremmue baa dwumadibea no July 1, 2004, ne bere afoforo a ɛyɛ ɔman no nnapɔnna. Saa nna no, wɔrenyɛ nhyehyɛe biara mma nkurɔfo mmɛhwɛ hɔ anaa asafo ahorow mmɛfa wɔn nhoma wɔ hɔ.
◼ Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ Ahenni Asa no ho ban no, ɛsɛ sɛ onipa a otwa to a obefi dan no mu no toto apon no mu yɛ biribi foforo biara a ɛbɛma wɔabɔ dan no ho ban. Sɛ ontumi nyɛ eyinom a, ɛsɛ sɛ ɔfrɛ obi a obetumi ayɛ na ɔtwɛn no kosi sɛ ɔbɛba abedu hɔ ansa na wafi hɔ akɔ. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyerɛw adawurubɔfo a wɔde Ahenni Asa nsafe amema wɔn no din to hɔ bere nyinaa.
◼ September Yɛn Ahenni Som no bɛka Respect Jehovah’s Authority video a yɛbɛhwɛ no ho asɛm. Yɛwɔ video no bi wɔ Amerika Mum Kasa ne Engiresi mu. Wɔrekae asafo ahorow nyinaa sɛ wɔnkra nea wohia nkutoo nka wɔn nhoma a edi hɔ a wobɛkra no ho.