Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ June 28, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ May 3 kosi June 28, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Nneɛma bɛn na ɛmma yɛn kasa nyɛ te sɛ nkɔmmɔbɔ anaa ɛma ne tie yɛ den bere a yegyina asɛnka agua so rekasa no? [be-TW kr. 179 nky. 4]
2. Dɛn nti na yɛn nne a yɛbɛma atu mpɔn no nkyerɛ ara kwa sɛ yɛbɛhome yiye na yɛagow yɛn ho? [be-TW kr. 181 nky. 2]
3. Bere a yɛreka Bible mu nokware ho asɛm akyerɛ afoforo no, akwan titiriw bɛn na yebetumi afa so na ama ‘yɛabɛyɛ ade nyinaa ama nnipa nyinaa’? (1 Kor. 9:20-23) [be-TW kr. 186 nky. 2-4]
4. Dɛn na atiefo pa a yɛbɛyɛ wɔ yɛn som adwuma mu no hwehwɛ? [be-TW kr. 187]
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ obiara a yehyia no wɔ yɛn som adwuma mu no? [be-TW kr. 190]
DWUMADI 1
6. Dɛn ne wɔn a wɔde teokrase kwan so nkyerɛkyerɛ ma no botae, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadu saa botae no ho? (Mat. 5:16; Yoh. 7:16-18) [be-TW kr. 56 nky. 3–kr. 57 nky. 2]
7. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ ntotoho bere a yɛrekyerɛkyerɛ no, na ɔkwan bɛn so na Yesu de saa kwan yi dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu? [be-TW kr. 57 nky. 3; kr. 58 nky. 2]
8. Nea ɛne Farisifo no nkyerɛkyerɛ bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na Yesu nkyerɛkyerɛ duu nkurɔfo komam? [be-TW kr. 59 nky. 2-3]
9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔde nea wosua no adi dwuma, a yensisi gyinae mma wɔn? [be-TW kr. 60 nky. 1-3]
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebua nsɛm a afoforo bisa fa wɔn ankasa gyinaesi ho no? [be-TW kr. 69 nky. 4-5]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Mose di ‘asɔrefie no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa’ akyi pɛpɛɛpɛ? (Ex. 25:9) [it-2-E kr. 1058 nky. 7]
12. Dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Aaron de maa Mose faa nantwi ba honi asɛm no ho no mu? (Ex. 32:24)
13. Dɛn na yebetumi asua afi gyidi a Israelfo daa no adi yɛɛ setie maa Yehowa ahyɛde a ɛwɔ Exodus 34:23, 24 no mu?
14. Ná asomdwoe afɔre no atirimpɔw ne dɛn? (Lev. 3:1)
15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔpaw Aaron maa ne dibea, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Leviticus 8:23 no, yɛ Yesu ho sunsuma? [it-2-E kr. 1113 nky. 4; w68-E kr. 399 nky. 24]