Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/04 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2004
Yɛn Ahenni Som—2004
km 2/04 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Bɛn Yehowa. Sɛ munni nhoma yi bi a, mubetumi de Creation (kɛse anaa ketewa) anaasɛ Adiyisɛm Awiei nso ama. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden yiye sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Sɛ nkurɔfo wɔ nhoma yi bi dedaw a, mubetumi de Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ama. April ne May: Fa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma. Sɛ woresan akɔsra anigyefo a, kɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no nhyiam foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nso nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wode Som Nyankopɔn nhoma no bɛma. Bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase, ne titiriw no bere a ebinom asua Nimdeɛ nhoma ne Ahwehwɛde nhomawa no dedaw no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no. Kenkan wiase nyinaa adwuma no ho ntoboa ne ntoboa foforo biara a mo asafo no de akɔma asafo ti na wɔakyerɛw mo sɛ wɔn nsa aka no kyerɛ anuanom.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ ahorow a, monkenkan S-201 nkrataa a wɔkyerɛw no afe biara no.

◼ Baguam kasa titiriw a wɔbɛma no afe 2004 Nkaedi bere mu no asɛmti bɛyɛ “Nya Akokoduru na Fa Wo Ho To Yehowa So.” Monhwɛ eyi ho nkaebɔ a ɛwɔ September 2003 Yɛn Ahenni Som mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena