Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/04 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
  • Yɛn Ahenni Som—2004
Yɛn Ahenni Som—2004
km 2/04 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ February 23, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ January 5 kosi February 23, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]

ƆKASA SU

1. Dɛn na yebetumi ayɛ de ama aba a ɛwɔ asɛm a yɛreka no mu ada adi ama yɛn atiefo no na ɛso aba wɔn mfaso ankasa? [be-TW kr. 158 nky. 2-4]

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye paw nsɛmfua a yɛka? [be-TW kr. 160 nky. 1 ne adaka a ɛto so abien]

3. Ade titiriw a wɔhwehwɛ wɔ kasa a ɛyɛ dɛ ho bɛn na wɔatwe adwene asi so wɔ 1 Korintofo 14:9, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de nnyinasosɛm yi adi dwuma wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu? [be-TW kr. 161 nky. 1-4].

4. Sɛnea yɛahu wɔ Mateo 5:3-12 ne Marko 10:17-21 no, dɛn ne ade biako a ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ daa nsow a yebetumi asua? [be-TW kr. 162 nky. 4]

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn sɛ yɛbɛka nsɛm a tumi ne nkate wom, na emu da hɔ wɔ asɛnka mu ne bere a yɛrema mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase no? (Mat. 23:37, 38) [be-TW kr. 163 nky. 3–kr. 164 nky. 1]

DWUMADI 1

6. Dɛn ne ɔkasa asɛmti, na ɔkwan bɛn so na tra a yɛbɛma atra yɛn adwenem no betumi atu mpɔn bere a yɛrepaw nsɛm a yɛde hyehyɛ ɔkasa bi no? [be-TW kr. 39 nky. 6–kr. 40 nky. 1]

7. (a) Dɛn na yɛn ho a ɛbɛtew wɔ honhom fam no kyerɛ, na dɛn nti na wobu honhom fam ahotew sɛ ahotew a ɛho hia sen biara? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi akwati sɛ wobegye abrabɔ fam fĩ a abu so wɔ wiase no mu no atom? [w02-TW 2/1 kr. 5-6]

8. Nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu nyinaa no, emu nea ɛwɔ he na ɛho hia paa? [w02-TW 2/15 kr. 5 nky. 1, 4, 6]

9. Dɛn ne tema, na ɔkwan bɛn so na Yesu ada saa su yi adi? [w02-TW 4/15 kr. 25 nky. 4-5]

10. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 11:11 fa Yehowa nkurɔfo asafo ahorow ho? [w02-TW 5/15 kr. 27 nky. 1-3]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Dɛn na “nkwa dua” a wɔkaa ho asɛm wɔ Genesis 2:9 no gyina hɔ ma?

12. Dɛn nti na Lot yere hweree ne nkwa? (Gen. 19:26) [w90-TW 4/15 kr. 18 nky. 10]

13. Wɔ nkɔmhyɛ kwan so ɔyɛkyerɛ a ɛwɔ Genesis ti 24 no, hena na ogyina hɔ ma (a) Abraham, (b) Isak (d) Abraham akoa Elieser (e) yoma du no ne (ɛ) Rebeka?

14. So Onyankopɔn hyɛɛ Yakob ne Esau nkrabea too hɔ? (Gen. 25:23)

15. Ɔkwan bɛn so na Rahel yɛ obi a ɔyɛɛ mmɔdenbɔ a Yehowa hyiraa so ho nhwɛso pa? (Gen. 30:1-8) [w02-TW 8/1 kr. 29-30]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena