Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase February 9
Dwom 225
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 6 no mfa nsiesie ne ho mma atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛfa “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Nhyiam Dwumadi a mubesusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam ase no ho. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ fa kyerɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban ne February 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ma ofipamfo bi.
12 min: “Adwuma a Onyankopɔn Gyina Akyi.” Fa nsɛm a ɛwɔ Proclaimers nhoma no kratafa 547-8 ka ho.
25 min: “Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ.” (Nkyekyem 1-12) Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo na odi ho dwuma. Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Kanyan asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ no kɛse wɔ Nkaedi bere mu no ho anigye.
Dwom 90 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 16
Dwom 86
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
40 min: “Amantam ne Amanaman Ntam Nhyiam kanyan yɛn ma Yɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam!” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Sɛ wode simma biako anaa nea ennu saa ka wo nnianim asɛm wie a, fa nsɛmmisa a wɔde ama wɔ asɛm no mu no yɛ atiefo nkɔmmɔbɔ fa susuw nhyiam dwumadi no ho. Kyekyɛ wo bere no mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abisa nsɛm no nyinaa, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wɔmma nsɛmmisa no bi ho mmuae biako pɛ. Wuntumi nkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no nyinaa; wɔde eyi aka ho na ama ayɛ mmerɛw sɛ mubehu mmuae no. Ɛsɛ sɛ mmuae no si mfaso a wobenya afi nea wɔasua a wɔde bedi dwuma no so dua.
Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 23
Dwom 118
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wobetumi de February 15 Ɔwɛn-Aban ne February 22 Engiresi Nyan! no ama ho ɔyɛkyerɛ. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wobua obi a osiw nkɔmmɔbɔ ano bere a ɔka sɛ “mewɔ m’asɔre a mekɔ” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa, kratafa 7-16.
15 min: “Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ.” (Nkyekyɛm 13-17) Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Fa ɔdawurubɔfo bi a ɔreto nsa afrɛ obi a wasan akɔsra no aba Nkaedi no ase ho ɔyɛkyerɛ tiawa ka ho.
20 min: Nhoma Afoforo a Yɛn Nsa Kae Maa Yɛn Ani Gyei! Atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo abien a woyii no adi wɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam/Amanaman Ntam Nhyiam no ase. “Hwɛ Asase Pa No” yɛ nhoma a ɛda nsow koraa wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ wubue kratafa biara a wubehu Bɔhyɛ Asase no ho mfonini soronko a ɛyɛ fɛ. Twe adwene si asase mfonini ho nsɛm a ɛwɔ emu biara no so. Fa akwan a yebetumi afa so de nhoma yi adi dwuma no ho nyansahyɛ ma. Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No bɛma yɛn mma honhom fam yiyedi atu mpɔn. Bobɔ nsɛmti a ɛyɛ ne bere mu de a wɔaka ho asɛm no bi so, na kyerɛ sɛnea awofo ne mmofra nyinaa betumi anya so mfaso. To nsa frɛ atiefo ma wɔnka sɛnea wɔde nhoma foforo yi redi dwuma yiye no ho asɛm.
Dwom 186 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 1
Dwom 156
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma March ho asɛm, na tĩ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no biako mu tiawa.
15 min: “Adesua a Yɛbɛkɔ Daa—Ade a Ehia Paa.” Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛma wotumi ba asafo nhyiam biara ase no ho asɛm.
20 min: “Yebetumi Ayɛ Nea Yehowa Hwehwɛ.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Si kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no so dua sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 98 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.