Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase November 11
Dwom 183
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde November 15 Ɔwɛn-Aban ne November 22, Engiresi Nyan! no bɛma. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so nya sika de boa yɛn wiase nyinaa adwuma no.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban no kratafa 2, anaa Nyan! kratafa 5.
10 min: Nokware Som Akyitaafo—Tete ne Nnɛ. Ɔkasa a egyina November 1, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26-30 so.
12 min: “Yɛn Ho Yɛn Ho Nkuran a Yɛbɛhyehyɛ Wɔ Ɔkwan Soronko So.” Ɔkasa. Ma wonnya ɔmantam nhyiam a wɔbɛkɔ no ho anisɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkɔ nhyiam no afã biara, fi Fida anɔpa kosi Kwasida anwummere.
15 min: “Munni Nea Eye Akyi Daa.”a Si hia a ehia sɛ wobedi dabere ho nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ ama yɛn yiyedi no so yiye no so dua. Si nkaesɛm asia a ɛwɔ nkyekyɛm 2 no so dua. Kyerɛ nea enti a ehia sɛ obiara da abrabɔ pa adi.
Dwom 115 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 18
Dwom 78
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw adaka mu asɛm a ɛne “Akenkan a Ɛyɛ Dɛ Ankasa!” no ho.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma.
10 min: “Di Wo Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ obiara tie nhyiam dwumadi no yiye ho. Si hia a ehia sɛ yɛde nea yesua di dwuma sen sɛ yebetie kɛkɛ no so dua. Munsusuw asɛm a ɛfa nhyehyɛe a wɔayɛ ama Ɔsom Nhyiam ho wɔ February mu a ɛwɔ kratafa 7 no ho, bere a yɛbɛsan asusuw ɔmantam nhyiam no mu nsɛntitiriw ho no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛw nsɛm nto hɔ. Ma wɔnka mfaso horow a wonya fii afe a etwaam no dwumadi mu ho asɛm kakra.
17 min: “Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata.”b Ɔpanyin na obedi ho dwuma, na ɔbɛkenkan nkyekyɛm no mu biara bere a moasusuw ho awie no. Boa wɔn nyinaa ma wonhu nea enti a ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye wɔ baguam.
Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 25
Dwom 16
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Awarefo a wɔabom reyɛ adwuma wɔ asɛnka mu de nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde December 1 ne December 8 nsɛmma nhoma no ma ho ɔyɛkyerɛ. Okunu no de Ɔwɛn-Aban ma, na ɔyere no de Nyan! ma.
15 min: “Ma Wonhu Yesu Ho Nokware No.”c Fa Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 278 mu nsɛm ka ho.
20 min: “Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ ‘Nyisaa’ Ho Anigye.” Fa simma abiɛsa di kan ma ɔkasa a ɛfa adwene a Yehowa kura wɔ nyisaa ho a egyina Insight, Po 1, kratafa 816, nkyekyɛm 1 so no. Fa nsɛmmisa ne mmuae susuw asɛm no fã a aka no ho. Si akwan pa a afoforo betumi afa so aboa wɔn ahyɛ wɔn nkuran so dua. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3-4 ho a, fa October 8, 1995, Nyan!, kratafa 8-9 mu nsɛm kakra ka ho.
Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 2
Dwom 213
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo na wɔmfa wɔn November asɛnka akontaabu mma. Ka asɛm a wobetumi agyina so de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ama ho asɛm tiawa.—Wubetumi ahwɛ June 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8.
12 min: Asafo mu ahiade.
23 min: “Boa W’asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo No.”d Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 70 mu nsɛm ka ho. Kamfo asafo no wɔ akwan pɔtee a wɔfa so boa nhoma adesua nhyehyɛe no ho, na fi ayamye mu twe adwene si mmeae bi a ehia sɛ wotu mpɔn so.
Dwom 114 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.