Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/02 kr. 2-7
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase September 9
  • Dapɛn a Efi Ase September 16
  • Dapɛn a Efi Ase September 23
  • Dapɛn a Efi Ase September 30
  • Dapɛn a Efi Ase October 7
Yɛn Ahenni Som—2002
km 9/02 kr. 2-7

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase September 9

Dwom 209

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September 15 Ɔwɛn-Aban ne October 8 Nyan! ma. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ ano, a ɛne “M’ani nnye Yehowa Adansefo ho” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 9-10.

17 min: “Boa Afoforo Ma Wɔnhyɛ Yehowa Anuonyam.”a Sɛ bere ma kwan a, ka asɛntitiriw biako anaa abien a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 196-9 kyerɛ.

15 min: Dɛn Nti na Wonni Gyidi. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔn gyidi sua. (2 Tes. 3:2) Sɛ yɛbɛka Yehowa ho nokware no akyerɛ wɔn a, ɛsɛ sɛ yedi kan bɔ mmɔden hu nea anya adwene a wokura wɔ Onyankopɔn ho no so nkɛntɛnso no. Munsusuw nneɛma anan a wɔka ho asɛm wɔ Reasoning nhoma no kratafa 129-30, a ɛrentumi mma nkurɔfo nnya gyidi no ho. Ma atiefo nkyerɛ ɔkwan a wobetumi afa so wɔ asɛm yi biara mu. Ka ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so ho suahu kyerɛ anaasɛ fa nea ɛwɔ August 22, 1993, Engiresi Nyan!, kratafa 14-15 no di dwuma.

Dwom 122 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 16

Dwom 163

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw May asɛnka akontaabu no mu adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo no ho. Kamfo wɔn nyinaa na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka daa.

18 min: Dɛn na Yɛyɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka asafo no 2002 ɔsom afe akontaabu no mu nneɛma titiriw ho asɛm. Kamfo obiara wɔ nneɛma pa a mutumi yɛe no ho. Fa adwene si sɛnea asafo no tumi yɛe wɔ nhyiamkɔ, sankɔhwɛ ne Bible adesuayɛ ne akwampaefo aboafo mu no so, na fa nyansahyɛ ahorow a ebetumi ama moanya nkɔso ma. Fa botae ahorow a mubetumi adu ho wɔ afe a ɛreba no mu no sisi mo anim.

17 min: Nsɛnnennen a Awofo a Wonni Ahokafo Hyia. Ɔpanyin bi bisabisa ɔwofo a onni ɔhokafo biako anaa baanu (anaasɛ wɔn a wɔn ahokafo nyɛ Adansefo) nsɛm de hu sɛnea wogyina wɔn mma ntetee, nteɛso, ne honhom fam akwankyerɛ a wɔde ma wɔn no mu nsɛnnennen ano. Wɔyɛ dɛn tumi di wɔn abusua mu asɛyɛde ho dwuma na wɔsan kɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa? Si nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ Abusua Mu Anigye nhoma no kratafa 104–10 so dua. Sɛnea wɔada no adi wɔ kratafa 113-115 no, kyerɛ akwampa a afoforo betumi afa so aboa.

Dwom 149 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 23

Dwom 107

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma ɔpanyin mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde October 1 Ɔwɛn-Aban ma ho ɔyɛkyerɛ, na ma asafo mu ɔsomfo nyɛ sɛnea wɔde October 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi no, san ka nsɛm a edi kan a wɔde kanyan ofiewura no anigye no mu biako anaa abien.

10 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “Munsuro Onyankopɔn na Monhyɛ No Anuonyam.” (Adi. 14:7) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw ɔmansin nhyiam a yɛyɛe wɔ ɔsom afe a atwam no mu dwumadi ho. Ma asafo no nka nsɛntitiriw a wosuae ne sɛnea wotumi de dii dwuma sɛ ankorankoro anaasɛ mmusua. (Wubetumi adi kan de afã horow bi ama.) Fa dwumadi yi afã horow yi ka ho: (1) “Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo no Ma Wonsuro Onyankopɔn.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa anigyefo a wɔbaa Nkaedi no ma wɔanya nkɔanim abɛyɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ nnam? (2) “Yehowa Suro Kyerɛ Bɔne a Wɔtan.” (w87-TW 6/1 25-27) Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 6:16-19 boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a Yehowa tan ho—ahantan, atorodi, honam fam ade dodowpɛ, anigyede a ɛmfata, ne Intanɛt a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so? (3) “Kɔ So Bɛn Wɔn a Wodɔ Wɔn no Bere Nyinaa.” Yɛdɔ Yehowa, Yesu, yɛn abusuafo, afoforo a wɔwɔ asafo no mu; ɔkwan bɛn so na bɛn a yɛbɛn wɔn kɛse no bɔ yɛn ho ban wɔ wiase no ho? (4) “Suro Yehowa, na Ɛnyɛ Nnipa.” Ɔkwan bɛn so na suro a wusuro sɛ wobɛyɛ nea Yehowa mpɛ no aboa wo ma woadi ehu so bere a woka asɛm no, ama woadi nnyinasosɛm pa so wɔ adwuma anaa sukuu mu, anaasɛ ama woako atia hyɛ a w’adwumawura hyɛ sɛ to asafo nhyiam, ɔmansin ne amantam nhyiam mu no? (5) “Monyɛ Biribiara Mfa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” (Dw. 119:37; Heb. 4:13) Dɛn nti na Onyankopɔn suro bɛma yɛakwati sɛ yɛbɛnom nsa atra so, ahwɛ aguamansɛm ho mfonini, anaasɛ yɛayɛ kokoam bɔne ahorow? (6) “Monkɔ So Nnantew Yehowa Suro Mu.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyira wo sɛ woama ne honhom yɛ adwuma kɛse wɔ w’asetra mu no?—Dw. 31:19; 33:18; 34:9, 17; 145:19.

Dwom 171 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 30

Dwom 116

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa September asɛnka akontaabu mma. Munsusuw “Ahenni Asa Adansi Adwuma Renya Nkɔso” ho.

15 min: Dɛn na Ɛma Yɛn Nsɛmma Nhoma Da Nsow? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛma wɔ October mu. Munsusuw nea enti a nsɛmma nhoma no da nsow no ho: (1) Ɛkamfo Yehowa din. (2) Ɛhyɛ Yesu mu gyidi ho nkuran. (3) Ɛbɔ Onyankopɔn Ahenni dawuru. (4) Ɛtwe adwene si Bible no so sɛ nea ɛka no na ɛsɛ sɛ wogye tom koraa. (5) Ɛkyerɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu mu. (6) Ɛkyerɛkyerɛ nea enti a nsɛm a esisi wɔ wiase no sisi ankasa mu. (7) Ɛkyerɛ sɛnea yebetumi agyina ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no ano. (8) Ɛkanyan nnipa ahorow nyinaa anigye. (9) Ɛnka amammuisɛm. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien a emu biara kyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛm abien yi mu biako afi nkɔmmɔbɔ ase.

15 min: “Kyerɛ Teokrase Nneɛma Ho Anisɔ.”b Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Fa nea moahu wɔ mo hɔnom ne nea asafo no betumi ayɛ de yɛn nhoma adi dwuma nyansam ho nsɛm ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkra nhoma a wohia ankasa nkutoo. Kae wɔn hokwan a wɔwɔ sɛ wobeyi sika ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no.

Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 7

Dwom 129

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Nokware no Afã a Wubegyina Wɔ Sukuu. Bisabisa adawurubɔfo nkumaa a wɔasan akɔ sukuu a wohu hia a ehia sɛ wɔtew fekuw a wɔne wɔn mfɛfo sukuufo a wɔnyɛ gyidifo bɔ so no nsɛm. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ nhyehyɛe de di nsɛnnennen a ɔmampɛ ho guasodeyɛ, sukuu asaw ne nhyiam ahorow, sukuu agumadi ne abrabɔ bɔne ma wohyia ne afiri a esum wɔn no ho dwuma? Fa akwan a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛfa so adi adanse wɔ sukuu ho asɛm ka ho.

20 min: “Kwati ‘Nsɛnhunu’ Akyidi.”c Sɛ mususuw nkyekyɛm 4 ho wie a, fa krataa a ɛhyɛ January 2000 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyɛm 30-2 mu nsɛm ka ho. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, fa adaka a ɛwɔ October 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 8 no mu nsɛm ka ho. Kenkan krataa a ɛhyɛ January 2000 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyɛm 18 ka nkyekyɛm 6 ho.

Dwom 105 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena