Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Osu tɔe paa wɔ May mu. Nanso, eyi nyinaa akyi no, adwuma no kɔɔ so kɛse.
Yɛagu yɛn gyaade foforo no fam hɔ kɔnkrit no nyinaa awie. Ɛnkyɛ biara yebefi ase ato ɔdan no. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi awie gyaade no ne adidibea no ntɛm no, Betel abusua no tu kɔɔ adidibea foforo a ɛwɔ abansoro a wɔda mu no ase no.
Yɛawie adum a yɛde begyina faako a yɛde kar besisi no. Yɛagu beae a yɛbɛkora nsu so no nso kɔnkrit awie.
Seesei yɛatwitwa akwan a ɛkɔ adan afoforo a yɛrebesi no ho awie. Yɛafi ase de nnurubɛn ne anyinam nkanea nhama rehyehyɛ mmeae ahorow wɔ fam. Yɛresiesie beae a yɛde kar besisi wɔ Ahɔhogyebea ne Ahenni Asa foforo hɔ no.
Yɛn ani sɔ adwumaden a anuanom yɛ no, ɛnkanka wɔn a wofi asafo ahorow a ɛwɔ Accra ne Tema bɛboa da biara no.
Yiw, ɛwom sɛ “osu kɛse tɔe, na nsu yirii” de, nanso, Yehowa tɔɔ “nhyira nsu” guu yɛn dwumadi no so.—Mat. 7:25; Hes. 34:26.