Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye bere a woakɔsra no no a, wubetumi ama no akra bi. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wubetumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ne nhoma foforo biara a akyɛ ama.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔhwehwɛ mu wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de 2002 Calendar of Jehovah’s Witnessess ka nhoma a wɔbɛkra no September no ho.
◼ Yɛde nkratasin a ɛdɔɔso a wɔde bedi dwuma wɔ 2002 ɔsom afe no mu remena asafo biara. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ no yiye. Ɛsɛ sɛ mode di dwuma ɔkwan a wɔakyerɛ nkutoo so. Ɛdefa nkrataa a asafo no de bedi dwuma wɔ ɔsom afe no mu kra ho no, yɛsrɛ sɛ monhwɛ Watchtower Literature Request Guide, Ɔfã 9, kratafa 1.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma no dodow sɛnea yɛyɛ afe biara no wɔ August 31, 2001, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Saa nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ankasa ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow no hyɛ “Literature Inventory” kratasin (S-18) no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a mowɔ no dodow afi asafo biara nsɛmma nhoma so ahwɛfo hɔ. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Asafo ti no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan no so. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase.
◼ Asafo mu ɔkyerɛwfo no bɛhyehyɛ ɔsom akontaabu no nyinaa wɔ “Congregation Analysis Report” kratasin (S-10) no so. Ɔde boasetɔ nso bɛkyerɛkyerɛ ɔpanyin anaa ɔsomfo biara a ɔbɛboa no ma wɔahyehyɛ akontaabu no. Eyi bɛma ɛne nsɛm a ɛwɔ Asafo Adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin (S-21) so no ahyia. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Congregation Analysis Report kratasin (S-10) no yiye fɛfɛɛfɛ na ɔsom boayikuw no hwɛ mu yiye na wɔde mena ansa na adu September 10.
◼ Efi afe yi rekɔ no, daa ɔkwampaefo bi remfata sɛ ɔbɛkɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi gye sɛ anyɛ yiye koraa no, ebedu September 1 wɔ afe a wɔbɛkɔ sukuu no mu no, na wadi mfe 16. Sɛ obi nnii mfe 16 nanso n’awofo rekɔ sukuu koro no ara bi a, ɛnde wɔbɛma no kwan.
◼ Yɛde nidi rekae wɔn a wɔbɛsra Betel no sɛ mma obiara nkɔ dwumadibea bi tẽẽ, sɛ wonim hɔ mpo a. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa wɔfrɛ dwumadibea a wohia wɔn anaa odwumayɛni a wɔrehwehwɛ no no wɔ telefon so wɔ ahɔhogyebea hɔ na wɔtwɛn ma wɔfrɛ wɔn ansa na wɔakɔ hɔ. Yɛn ani sɔ biako a mone yɛn yɛ wɔ asɛm yi mu no kɛse.