Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/01 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 11
  • Dapɛn a Efi Ase June 18
  • Dapɛn a Efi Ase June 25
  • Dapɛn a Efi Ase July 2
Yɛn Ahenni Som—2001
km 6/01 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase June 11

Dwom 178

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no mfa nyɛ ahoboa mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ June 25 dapɛn no mu no.

15 min: “Momma Yɛnyɛ Adepa Bere Nyinaa.” Ɔkasa a etu mpɔn a ɔpanyin bi gyina Kyerɛwnsɛm so ma.

20 min: “Du Wo Suani Komam.”a Fa nyansahyɛ a ɛsom bo a ebetumi ama wɔn a wɔyɛ afoforo no anya Yehowa ne Yesu mu gyidi na wɔanya wɔn ho dɔ ma. Twe adwene si July 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14, nkyekyem 18-20 mu nsɛntitiriw so.

Dwom 184 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 18

Dwom 194

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw adaka mu asɛm a ɛne “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” no ho.

10 min: Nea Yɛbɛka Akyerɛ Wɔn a Wɔmpɛ sɛ Wotie Asɛm No. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw “nsɛm” a ɛwɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase nhoma no nkratafa 7-8 no ho. Hwɛ nkratafa 8-12 na twe adwene si nsɛm a ebinom ka de yi wɔn ho ano mo asasesin no mu bi so. Ma atiefo nka nsɛm a etu mpɔn a wotumi de di dwuma yiye ne nea enti a ɛte saa no ho asɛm.

28 min: “2001 Yehowa Adansefo ‘Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo’ Ɔmantam Nhyiam.” Ɔkyerɛwfo di anim ma wɔde nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ susuw krataa a ɛhyɛ Ahenni som yi mu no ho. Si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe ntɛm srɛ kwan wɔ adwumam na ama yɛatumi akɔ da biara a wɔde bɛyɛ nhyiam no so dua, a Fida nso ka ho. Hyɛ obiara nkuran ma onni Asafo ti no nhyehyɛe a wayɛ no akyi.

Dwom 212 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 25

Dwom 2

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma July ne August mu ho asɛm. Twe adwene si nhomawa abien a mowɔ wɔ mo asafo no mu so. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma wɔ asɛnka mu wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye. Nea ɛbɛyɛ na moanya asɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ no, hwɛ July ne August 1995 kosi 1998 Yɛn Ahenni Som no akyi nsɛm no.

30 min: “Migyinaa Pintinn! Migyinaa Pintinn! Migyinaa Pintinn!” Atiefo nkɔmmɔbɔ a mode susuw Stand Firm video no ho, denam nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyem 2 a wɔde bedi dwuma no so. Afei munsusuw nkyekyem 3-4 ho. Fa suahu a ɛwɔ December 8, 1999, Nyan!, kratafa 31 no, wie. Yebesusuw The New World Society in Action video no ho wɔ August mu.

Dwom 29 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 2

Dwom 5

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn June asɛnka akontaabu mmra. Ka adaka mu asɛm a ɛne “So Wowɔ Yearbook Biara Bi Wɔ Wo Nhomakorabea?” no ho asɛm. Ka 1989, 1990, 1991, 1994, 1995, 1999 anaa 2000 Yearbook ahorow no mu suahu bi ho asɛm tiawa fa kyerɛ sɛ emu nsɛm no som bo. Hyɛ wɔn a wonni Yearbook ahorow yi bi nyinaa nkuran sɛ wɔnkra bi na ansa annya wɔn.

15 min: Mmofra—Momfa Nyansa Mpaw Nea Mobɛyɛ Daakye. Eyi yɛ Ɔsom Nhyiam mu dwumadi abiɛsa a ɛbɛtwe adwene asi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa sukuu ntoaso ho so no mu nea edi kan. Kristofo binom rekɔ sukuu akɛse na ama wɔanya honam fam adwuma na eyi nya wɔn honhom fam nkɔso so nkɛntɛnso bɔne. Awofo baanu ne wɔn ba aberantewaa anaa ababaa na wobedi ɔfã yi ho dwuma. Aberantewaa anaa ababaa no pɛ sɛ osi gyinae a emu yɛ duru a ɛfa nea ɔbɛyɛ daakye ho. Ɛwom sɛ ebinom pɛ sɛ wɔpaw adwuma a ɛbɛma wɔanya sika, edin, anaa asetram anigye de, nanso abusua no hwehwɛ Bible no mu de hwɛ nea ɛka. (Hwɛ Young People Ask, kratafa 174-5; Ɔwɛn-Aban, August 15, 1997, kratafa 21, ne September 1, 1999, nkratafa 19-21, nkyekyem 1-3 ne 5-6.) Aberante anaa ababaa no hu sɛ nyansa wom sɛ ɔbɛpaw asetra kwan a ebetumi aboa no ma watumi adi teokrase botae ahorow ho dwuma na ɔde atrɛw Ahenni nneɛma mu.

17 min: “Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Mum a Wɔwɔ W’asasesin Mu No.”b Sɛ munim nnipa dodow a wɔyɛ mum wɔ mo asafo no asasesin mu a, ka ho asɛm. Ka osuahu a ɛwɔ February 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3, nkyekyem 7 no ho asɛm.

Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena