Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 12
Dwom 112
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden.’”(Nkyekyem 1-13) Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma. Anigye a wɔde susuw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ April mu no ho. Hyɛ asafo no muni biara nkuran sɛ ɔnyɛ ne fam de na ama yɛn nyinaa atumi akɔ asɛnka wɔ saa ɔsram no mu.
Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 19
Dwom 166
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
17 min: Fa 2001 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka “2000 Grand Totals” a ɛwɔ kratafa 31 no ho asɛm. Munsusuw “A Letter From the Governing Body” a ɛwɔ nkratafa 3-5 no ho. Ma atiefo no bi nka Yearbook foforo no mu amanneɛbɔ anaa osuahu a ahyɛ wɔn nkuran kɛse ma wɔn gyidi ayɛ den no ho asɛm. Hyɛ mmusua nkuran sɛ wɔmmom nkenkan Yearbook no nyinaa sɛnea Betel abusua no yɛ wɔ wiase nyinaa wɔ afe no mu no. Si nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 255 a yebetumi de adi dwuma na ama yɛakae nea yɛasua no so dua. Bisa sɛnea yebetumi de Yearbook no aboa Bible asuafo ma wɔakyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ kɛse na wɔanya hokwan de abɛyɛ emufo no ho nyansahyɛ ahorow.
20 min: “April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden.’” (Nkyekyem 14-30) Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ɔkasa ne nsɛmmisa ne mmuae a wɔde di afã horow a wɔapaw ho dwuma. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ nhyehyɛe pa na watumi akɔ asɛnka pii sɛnea obetumi wɔ April mu. Ka ɔsram no mu asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wɔayɛ nyinaa kyerɛ. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampae aboafo nyinaa nkuran sɛ wonkogye akwammisa kratasin no bi bere a moapɔn nhyiam no.
Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 26
Dwom 204
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi koraa sɛ wubebisa kwan ayɛ ɔkwampaefo boafo wɔ April mu. Hyɛ obiara nkuran ma onni Nkaedi Bible akenkan ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama April 3-8 a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2001 mu no akyi. Kyerɛ bere a mode bɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ Nkaedi dapɛn no mu. Mma wo werɛ mmfi baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no Kwasida, April 1, a asɛmti no ne “Henanom na Wobetumi Agye Wɔn Nkwa?” no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka saa da no, na ama wɔafi April ase yiye.
20 min: “Momma Yɛn Nyinaa Nni Yehowa ne Ne Ba no Ni.” Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa a emu yɛ hyew a ɔpanyin ma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi titiriw a yɛbɛyɛ no April mu no mu kɛse sɛnea wobetumi na wɔmmɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔaba Nkaedi no.
15 min: Sɛnea Yebesiesie Nsɛm a Yɛbɛka De Nsɛmma Nhoma Ama. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛma wɔ April mu. Ka October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8, nkyekyem 3 ne 10 ho asɛm. Twe adwene si (1) asɛm bi, (2) asɛm a ɛfata a mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ, (3) asɛmmisa a wɔde kanyan anigye, ne (4) kyerɛw nsɛm a ɛfata a mubetumi agyina so yiye de nsɛmma nhoma a aba foforo no mu biara ama so. Bɔ mmɔden sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no bedi dwuma ne anigyefo afi Bible adesua ase. Fa sɛnea wobetumi ayɛ eyi wɔ nsrahwɛ a edi kan mu ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye wie.
Dwom 207 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 2
Dwom 220
9 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mmra. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” ho asɛm.
18 min: “Ɔdɔ Kanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No.” Si asɛm no mu kyerɛw nsɛm so dua. Ka Insight, Po 2, kratafa 673, nkyekyem 1 nso mu nsɛm. Ma ɔdawurubɔfo bi a ɔde mfe pii aka asɛm no nka sɛnea ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no kanyan no ma ɔkɔ so yɛ asɛnka adwuma no. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ adansedi adwuma no mu wɔ April ne asram a edi hɔ no nyinaa mu.
18 min: “Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam.” Krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekem 14-16, de nyansahyɛ foforo ma wɔ sɛnea yɛbɛkyerɛ Bible asuafo kwan aba ahyehyɛde no mu no ho. Kyerɛ sɛnea yebetumi de Ahwehwɛde nhomawa (adesua 5, nkyekyem 7) ne Nimdeɛ nhoma (ti 5, nkyekyem 22) no ahyɛ nhyiamkɔ ho nkuran. Yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw a ɔde anigye rehyɛ osuani bi nkuran sɛ onsusuw nhyiam a ɔbɛba ho anibere so fa yɛ eyi ho mfatoho.
Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.