November Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase November 2
Dwom 38
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no July asɛnka akontaabu ho asɛm.
15 min: “Ɛsɛ sɛ Obiara ‘Gye Asɛm no Fɛw So’!” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nyansahyɛ foforo a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 21 no ka ho.
20 min: “Mepɛ sɛ Meyɛ Bible Adesua!” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Kyerɛkyerɛ sɛnea mobɛyɛ mmɔden kɛse a mobɛbɔ de ayɛ sankɔhwɛ no ho nhyehyɛe wɔ mo asafo mu no mu. Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi ne wɔn a wɔyɛ foforo ayɛ adwuma sɛnea wobetumi. Ɛsɛ sɛ akuw a wɔde kar bɛkɔ no yɛ nketewa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ nsrahwɛ pii. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ April 1998 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-15 ho. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea wofi adesua ase wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmmɔ mmɔden mfi adesua foforo ase.
Dwom 35 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 9
Dwom 187
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
12 min: Asɛmmisa Afã.
23 min: “1998 ‘Onyankopɔn Asetra Kwan’ Ɔmantam Nhyiam Ahorow.” (Nkyekyem 1-17) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 11 ne 12. Si ka a Kyerɛwnsɛm ka sɛ ehia sɛ yɛde ahwɛyiye kura yɛn Kristofo ahosiesie ne abrabɔ pa mu, na yɛhwɛ yɛn mma yiye no so dua.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 16
Dwom 182
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka asɛnka nhyehyɛe a moayɛ ama dapɛn awiei ho asɛm.
18 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Teokrase Ɔsom Sukuu Sohwɛfo.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Munsusuw School Guidebook no nkratafa 10-11, nkyekyem 6-12 ho.
20 min: “1998 ‘Onyankopɔn Asetra Kwan’ Ɔmantam Nhyiam Ahorow.” (Nkyekyem 18-24) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 18 ne kyerɛwsɛm a ɛwom no. Si hia a ehia sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔano wɔano ne afoforo ho a yebesusuw, titiriw ɛdefa baabi a yɛbɛtra ho no so dua. Ma ɔkasa tiawa fa tĩ “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” mu fa wie.
Dwom 139 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 23
Dwom 89
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka osuahu a wotintimii wɔ August 8, 1998, Nyan! akyi a ɛfa nkɛntɛnso a Onipa a Ɔsen Biara nhoma no nyae wɔ nkurɔfo asetra so no ho asɛm. Kae adawurubɔfo nyinaa ma wɔmfa saa nhoma yi mma wɔ mmere a ɛfata mu.
15 min: “Onipa a Ɔdan Aboa—So Wubegye Adi” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma a egyina June 8, 1998, Engiresi Nyan! no nkratafa 13-15 no so, na ɔma asɛm no fa mo mpɔtam hɔ ho.
20 min: Nyansahyɛ Ahorow a Ɛbɛma Wo Bible Akenkan Atu Mpɔn. Ɔkasa a egyina May 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 16-17 so. Si honhom fam mfaso a yenya fi daa Bible akenkan mu so dua. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde mae no ho, na munsusuw sɛnea wɔde di dwuma ho. Ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nka sɛnea wɔrenya Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkan no daa mu mfaso.
Dwom 46 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 30
Dwom 64
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa n’asɛnka akontaabu mmra. Hyɛ wɔn a wɔamfi adesua ase wɔ November mu no nkuran ma wɔntoa wɔn mmɔdenbɔ so wɔ December mu bere a yɛde Nimdeɛ nhoma ne New World Translation rema no. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ bere a ɔde adaka a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no kratafa 19 redi dwuma no; afei ɔdawurubɔfo no kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nhoma no adi dwuma de anya Bible nkyerɛkyerɛ mu ntease na wɔafi adesua ase mu.
10 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Monhyehyɛ Mo Ho Den Denam Mmuae a Mobɛma Wɔ Asafo Nhyiam Ase So.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ sɛnea mmuaema ma yetumi tu mpɔn kɛse wɔ honhom fam no mu. (Hwɛ School Guidebook, adesua 38, nkyekyem 4.) Ma ebinom nka sɛnea wodii wɔn nan ase a na wɔtwentwɛn sɛ wɔbɛma mmuae no so ne sɛnea wɔanya nhyira wɔ mmuae a wɔma wɔ asafo nhyiam ahorow ase no mu.
Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.6