Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/97 kr. 2
  • June Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 2
  • Dapɛn a Efi Ase June 9
  • Dapɛn a Efi Ase June 16
  • Dapɛn a Efi Ase June 23
  • Dapɛn a Efi Ase June 30
Yɛn Ahenni Som—1997
km 6/97 kr. 2

June Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase June 2

Dwom 181

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no February asɛnka ho amanneɛbɔ ho asɛm. Ka adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a yɛanya ho asɛm, na hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ hyew wɔ adwuma no mu, na wɔmfa asɛnka akontaabu mmra ntɛm ɔsram biara.

15 min: “Yɛ Nea Wubetumi Nyinaa.” Nsɛmmisa ne mmuae.—Hwɛ April 15, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-30 nso.

22 min: “Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii.” Onua a ɔredi ho dwuma no ne adawurubɔfo baanu anaa baasa, a abofra ka ho, susuw asɛm no ho. Ka nkyekyem 1 no ho asɛm, na si nea enti a Nimdeɛ nhoma no tumi boa kɛse ma yebua nsɛmmisa so dua. Ma wɔmmobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ so mfa nyɛ ɔyɛkyerɛ, na kyerɛ baabi a wobetumi atu mpɔn wɔ ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi.

Dwom 200 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 9

Dwom 6

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

23 min: “Yehowa Adansefo 1997 ‘Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsɛmmisa ne mmuae a ɔkyerɛwfo no de di ho dwuma. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnna biakoyɛ adi denam akwankyerɛ ahorow a wɔde ama a obedi so no so. Sɛ moresusuw nkyekyem 17 no ho a, si hia a ehia sɛ wɔde biribi kakra a wobedi bere a wɔapɔn awia no fi fie ba so dua. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran ma wɔnkɔboa Bolgatanga nhyiam no.

15 min: Afoforo a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Wɔn—Ahiade a Egye Ntɛmpɛ. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Ka 1996 wiase nyinaa som adwuma ho amanneɛbɔ a ɛwɔ 1997 Yearbook no kratafa 33 no ho asɛm. Mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yebedi nkurɔfo adanse baabiara a yebehu wɔn no resow aba. Ahiade a egye ntɛmpɛ mprempren ne sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn a yɛmaa wɔn nhoma ahorow no hɔ na yɛakyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no. Sɛ yehyia wɔn wɔ mmɔnten so a, momma yɛmfa anifere kwan so mmisa wɔn din ne wɔn address sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ sankɔhwɛ. Ɛho hia sɛ yɛyɛ pii sen Ahenni aba kɛkɛ a yebegu; ɛsɛ sɛ yegugu so nsu nso. (1 Kor. 3:6-8) Sɛ yegu aba asase pa mu a, nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn betumi aboa onipa no ma wate ase. (Mat. 13:23) Ɛsɛ sɛ yɛde ahokokwaw nya ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu kyɛfa sɛnea yebetumi biara. (Heb. 5:12a) Fa krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 25-6 no mu nsɛm ka ho. Si mmɔden a ɛsɛ sɛ wɔbɔ fi adesua ase wɔ Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no mu so dua.

Dwom 204 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 16

Dwom 192

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛntitiriw ho asɛm.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: Wo Som a Wubehu sɛ Ɛyɛ Nokware Anaa Atoro. Ɔpanyin bi di anim wɔ nkɔmmɔ bi a ɔne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw bɔ a egyina December 22, 1989, Engiresi Nyan! no kratafa 18 so mu. Yɛkɔ nnipa pii a ɛda adi sɛ wɔyɛ komapafo nkyɛn mpɛn pii. Nanso, wɔmmaa Bible adesua ho kwan da. Munsusuw sɛnea yebetumi de Nyan! no mu asɛm yi mu nsɛntitiriw no adi dwuma ma wɔahu hia a ehia sɛ wɔyɛ wɔn ade ma ɛne nokware nimdeɛ hyia no ho. Twe adwene si nsɛntitiriw a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no ti 5 a n’asɛmti ne: “Henanom Som na Onyankopɔn Gye Tom?” no so. Kenkan nkyekyem 20 no. Yebetumi asan akɔsra saa nnipa no ahyɛ wɔn nkuran wɔ ayamye ne anifere kwan so ma wɔama adesua ho kwan na wɔakɔ nhyiam ahorow.

Dwom 201 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 23

Dwom 193

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka asɛnka ho nhyehyɛe a moayɛ ama dapɛn no ho asɛm.

15 min: Dɛn na Wɔreka Fa Yɛn Ho? Ɔkasa a egyina nsɛm a ɛwɔ Watch Tower Publications Index 1986-1995 no nkratafa 341-3 no so. Paw “Statements by Others” (Nsɛm a Afoforo Ka) a ɛfa Yehowa Adansefo—yɛn abrabɔ ne yɛn adwuma—ho a ɛda nsow. Kyerɛ sɛnea afoforo ani agye nneɛma a wohu wɔ yɛn ho no ho. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn bere nyinaa ma yɛyɛ yɛn ade ma ɛfata na yɛkɔ so yɛ yɛn adwuma no mu. Kyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛm a ɛyɛ anigye saa no adi dwuma bere a yɛne amannifo ne anigyefo a wɔpɛ sɛ wohu yɛn ho nsɛm pii rekasa no.

20 min: “Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka akwankyerɛ a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 99-100 wɔ asɛmti a ɛne “Mmofra a Wɔboa Wɔn” ase no nso ho asɛm.

Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 30

Dwom 197

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn June asɛnka ho akontaabu mmra.

20 min: “Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?” Agyanom baanu bom susuw asɛm no ho. Wosusuw sɛnea wɔbɛboa wɔn mma ma wɔahu nea enti a ɛho hia sɛ wɔde teokrase botae ahorow a ɛde honhom mu nhyira ahorow bɛba sisi wɔn ani so sen sɛ wobedi honhom fam nneɛma akyi ho.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 116-18 nso.

15 min: Yɛn ho a yebesiesie ama Nhoma a Yɛde Bɛma July. Paw nhomawa biako anaa abien a wɔakyerɛ ho anigye kɛse wɔ mo asasesin mu, na munsusuw ebiara ho nsɛntitiriw bi ho. Kyerɛ akwan a mubetumi de eyi adi dwuma bere a mode bi rema no. Kae obiara ma ɔnyɛ nhoma a ɔde ma ho kyerɛwtohɔ, na ɔnsan nkɔkanyan nkurɔfo anigye.

Dwom 109 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena