Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/94 kr. 2
  • October Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 3
  • Dapɛn a Efi Ase October 10
  • Dapɛn a Efi Ase October 17
  • Dapɛn a Efi Ase October 24
  • Dapɛn a Efi Ase October 31
Yɛn Ahenni Som—1994
km 10/94 kr. 2

October Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase October 3

Dwom 203

12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Susuw “Yebesua Adiyisɛm Awiei Nhoma No” ho. Kae obiara mfaso a ɛwɔ so sɛ obedi kan asua nsɛm no na wakɔ no daa.

17 min: “Ɛbere no Ni.” Nsemmisa ne mmuae. Ka nsɛm a ɛwɔ December 1993 Yɛn Ahenni Som, kratafa 5 hɔ asɛmti ketewa a ese “Di Honhom Fam Botae Ahorow Akyi,” ase nso ho asɛm.

16 min: “Ma W’ani Nku Nsɛmma Nhoma ho wɔ October Mu.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ahorow fi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye. Si hia a ɛho hia sɛ wɔde nsɛmma nhoma bɛma wɔ fie biara mu a botae no ne sɛ wɔbɛma wɔakra bi so dua.

Dwom 212 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 10

Dwom 104

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa a nsa aka ho krataa biara.

20 min: “Awofo—Mommoa Wɔn!” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina August 8, 1994 Nyan! (Engiresi de) mu nsɛm abiɛsa a edi kan no so. Kyerɛ sɛnea asɛm no fa mo asafo mufo ho. Fa bere tiaa bi bisabisa ɔwofo bi a ebia wanya osuahu wɔ atikyafo anaa sukuu mpanyimfo a ɔne wɔn akasa mu nsɛm. Si sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma so dua.

15 min: Asemmisa Afã. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin a ɔfata foforo ne atiefo susuw asɛm no ho. Ma wonnyina nyansahyɛ ahorow no mu biara so nyɛ sɛnea wobetumi adi nsɛm a nkurɔfo de yi wɔn ho ano so ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 17

Dwom 194

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: Mommma Yɛmmmrɛ Papayɛ Mu. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Honhom mu ɔbrɛ betumi ama yɛn anigye ne yɛn nsiyɛ wɔ Yehowa som mu abrɛ ase. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ August 1, 1986 Ɔwɛn-Aban, kratafa 19 (adaka) no mu no kyerɛ akwan bi a yebetumi afa so anya honhom mu ahoɔden foforo. Si koma nyinaa mu a yebefi aboa asafo dwumadi ahorow so dua.

20 min: “Fi Ɔdɔ Mu Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Yɛ nhyehyɛe ma wɔmfa nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔhyɛ ho nyansa no nyɛ ɔyɛkyerɛ abien. Ka nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ nsɛmma nhoma a wɔma nkurɔfo kra ho.

Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 24

Dwom 141

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: So Wowɔ Dodow bi a Wugye Daa? Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no yɛ nnwinnade a etu mpɔn a wɔde trɛw Ahenni asɛm no mu. Ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔ hokwan biara a yebenya mu. May 1984 Yɛn Ahenni Som no hyɛɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara nya ‘nsɛmma nhoma a ɛbɛba biara dodow pɔtee bi a daa obegye.’ Sɛ anyɛ saa a ebia nea ɛbɛba ne sɛ yennya bi mfa mma, na nkratawa anaa brochure nkutoo na yɛde bɛma. Eye sɛ abusua muni biara benya dodow bi a ogye daa. Ka mfaso horow a ɛwɔ dodow bi a wogye daa mu. Kɔkyerɛ dodow a wopɛ wɔ nea ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no hɔ. Fa atɛmpa di dwuma wɔ dodow a wokyerɛ sɛ wopɛ no mu. Hwɛ hu sɛ woagye nsɛmma nhoma no ɔsram biara. Sɛ mo asafo no de nsɛmma nhoma ho ka bi a, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara yi fi hɔ.

20 min: “Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan—Denam Ayeyi Afɔre a Wobɛbɔ no Daa So.” Nsemmisa ne mmuae. Kyerɛ botae horow a mfaso wɔ so bi a yɛn sɛ ankorankoro betumi apere adu ho. Kyerɛ akwan a yebetumi afa so aboa afoforo ma wɔayɛ pii.

Dwom 171 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 31

Dwom 169

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Esiane sɛ wiase nnapɔnna no rebedu so wɔ December mu nti, hyɛ obiara nkuran sɛ onsusuw ho sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo boafo. Fa ɔkwan a yebetumi afa so anya bere a ɛsɛ de ayɛ ho nyansahyɛ ahorow ma.

15 min: Asafo mu ahiade. Anaasɛ ma ɔpanyin bi mma ɔkasa a egyina asɛm “So Wubetumi Atɔ Wo Bo Ase?” a ɛwɔ May 15, 1994 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-3 no so.

18 min: Fa New World Translation no ma wɔ November mu. Esiane sɛ nnipa dodow no ara wɔ Bible dedaw nti, ehia sɛ yɛkyerɛ wɔn nea enti a New World Translation no kyɛn so. Twe adwene si “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no (nkratafa 327-8, nky. 1-6) so. Kyerɛ nea enti a wɔde Yehowa din adi dwuma, na ma nhwɛso horow a ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde kasa a wɔka no nnɛ bedi dwuma. Kyerɛ nneɛma bi a mfaso wɔ so a ɛwɔ Bible no akyi hɔ te sɛ “Bible Words Indexed,” [Bible Nsɛmfua a Wɔahyehyɛ no Nnidiso Nnidiso] a yebetumi de ahwehwɛ kyerɛw nsɛm bi a yenim no ntɛmntɛm. “Table of the Books of the Bible” [Bible Nhoma Ahorow a Wɔahyehyɛ] no kyerɛ nhoma biara kyerɛwfo, beae ne bere a ɔkyerɛwee, ne asetra bere a ɛka ho asɛm. Dan adwene kɔ Reasoning nhoma no (kratafa 59, asɛmti ketewa “Bible prophecy explains the meaning of world conditions”) so, na kyerɛ sɛnea wubetumi afi Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a egyina Yohane 17:3 ne Dwom 37:10, 11, 29 so ase. Yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea wobetumi de New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s nhoma no ama wɔ mo asasesin mu ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 136 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena