Yɛn Kyɛfa Wɔ Agyiraehyɛ Adwuma A Wofi Soro De Ahyɛ Yɛn Nsa No Mu A Yɛbɛtrɛw
1 Yɛte bere a nokware som mu retrɛw kɛse mu. Bere a agyiraehyɛ adwuma a wofi soro de ahyɛ yɛn nsa a wɔka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu rebɛn n’awiei ntɛmntɛm no, nnipa koma pafo a wɔwɔ baabiara regye asɛmpa no so. Wogye Yehowa trenee gyinapɛn horow no tom na wohyira wɔn nkwa so ma no. Wɔn nso, wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya kyɛfa kɛse wɔ afoforo a wɔbɛboa wɔn ma wɔahyɛ wɔn agyirae ama nkwagye no mu.—Hes. 9:2-6.
2 Yɛn mu binom ayɛ adwuma a wɔahyɛ ho nkɔm yi mfe 5, 10, 20, 40 anaa nea ɛboro saa. Wɔde afoforo abɛka asɛmpa no asomfo no ho nnansa yi ara. Nanso sɛ́ ankorankoro no, yɛn nyinaa bɔ mmɔden bisa yɛn ho fi bere kɔ bere mu sɛ, ‘Mete nka dɛn wɔ hokwan a manya nnɛ sɛ Ahenni somfo no ho?’ Yebetumi abisa nso sɛ: ‘So meda so ara bu ɔsom adwuma no sɛ egye ntɛmpɛ?’ So yɛn mu biara susuw yɛn kyɛfa wɔ adwuma a wofi soro de ahyɛ yɛn nsa no mu a yɛbɛtrɛw ho?
‘AKOA NOKWAFO’ NO NHWƐSO A ƐHYƐ NKURAN
3 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kɔ so di kan wɔ anim a adwuma yi bɛkɔ mu. Afe biara wɔsoma asɛmpatrɛwfo ma wɔkɔtrɛw agyiraehyɛ adwuma yi mu wɔ asase afã horow pii. Wɔnam afie afie som adwuma ne ɔsom no afã afoforo so ka asɛmpa no. Wɔma yɛn nsa ka nhoma afoforo na wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛde bedi dwuma yiye.
4 Nhwɛso biako ne You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma foforo no. Afei de yɛanya bere akenkan no yiye. Yɛasusuw emu nsɛm no ho wɔ nnansa yi Ɔsom Nhyiam ahorow mu na yɛanya nyansahyɛ ahorow wɔ sɛnea yɛde bɛma ho wɔ ne bere mu. Yɛanya mfaso kɛse nso afi ɔkasa horow a na egyina nhoma yi so no mu. Ampa afotu a aba wɔ ne bere mu, mmoa ne nkuranhyɛ a eye yi nyinaa aka yɛn ma yɛpɛ sɛ yɛtrɛw yɛn kyɛfa wɔ agyiraehyɛ a wama a wofi soro de ahyɛ yɛn nsa no mu. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛde nhoma foforo fɛfɛ yi di dwuma ma ɛho ba mfaso.
FA HOKWAN BIARA DI DWUMA
5 Mprempren yɛde Live Forever nhoma no ama wɔ afie afie wɔ asram abien (February ne April, 1983) mu, na yɛretoa so de eyi ama wɔ August ne September mu. Yɛtaa kɔ ɔmantam nhyiam horow wɔ August ne September mu, nanso esiane sɛ afe yi wɔde ahyɛ December nti, yɛwɔ hokwan sɛ yɛde bere pii yɛ asɛnka adwuma no. So yɛn nyinaa de hokwan biara a yebenya bedi dwuma wɔ asram abien yi mu de atrɛw yɛn som adwuma no mu? Bere a egyina tebea a ɛwɔ mmeae horow so no, ebia yebetumi anya akwan horow bi a yɛbɛfa so atrɛw yɛn kyɛfa wɔ agyiraehyɛ adwuma a wofi soro de ahyɛ yɛn nsa no mu wɔ August ne September osutɔ bere no mu mpo.
6 So wunim sɛ August ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu? Yiw, ɛyɛ ɛno. Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ, sɛnea ebetumi biara no, yɛpɛ sɛ yɛde bere a ɛdɔɔso yɛ asɛnka adwuma ɔsram yi. Ebia yɛn mu binom betumi ayɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa, ebia afoforo betumi abɛka nnipa a wɔboro 1,000 a wɔyɛ daa akwampaefo dedaw no ho, na yɛn a yɛaka no betumi ayɛ nsakrae horow sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nnɔnhwerew kakra bɛka nea yɛde bu akontaa daa wɔ ɔsom adwuma mu ɔsram biara no ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛmfa ho sɛ dɛn na yebetumi ayɛ no, yɛpɛ sɛ yɛkae na yɛde yɛn asɛnka adwuma ho akontaabu ma ntɛm ara wɔ ɔsram no awiei. Saa kwan yi so no, wɔbɛkan yɛn de no aka asafo de no ho, na wɔde akɔka Ghana nyinaa de no ho na apue yɛn 1984 Afe Nhoma foforo no mu. Enti yɛpɛ sɛ yɛhyɛ asafo mu akyerɛwfo nkuran na wɔhwɛ de asafo akontaabu no mana ntɛm ara ansa na September 6 adu, na amma akontaabu no anka akyi wɔ afe no awiei.
YƐ NNAM KƐSE
7 So ɔmansin sohwɛfo rebɛsra mo asafo no August mu? Sɛ saa a, so woasusuw ho sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe de bere kakra aka ho de ayɛ asɛnka adwuma wɔ ne nsrahwɛ no mu? Ɔne ne yere ani bɛsɔ wo ho a wode hyɛ nsrahwɛ no mu wɔ saa kwan yi so no na wo ankasa wubenya nsrahwɛ no mu mfaso kɛse. Ɔmansin sohwɛfo ne ne yere a wo ne wɔn bɛyɛ adwuma, aka osuahu ahorow akyerɛ mo ho, ahyehyɛ mo ho nkuran na moakyerɛ akwan horow a mofa so di adanse no bɛma woayɛ nnam kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Afei nso, so daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo wɔ mo asafo no mu? Sɛ saa a, so woasusuw ho sɛ wobɛyɛ nsakrae horow sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka anuanom yi ho wɔ dapɛn ntam asɛnka adwuma mu? Ampa eyi bɛyɛ ɔkwan pa a wobɛfa so atrɛw w’asɛnka adwuma no mu na woayɛ nnam kɛse. Sɛ́ yɛyɛ daa akwampaefo, akwampaefo aboafo anaa asafo mu adawurubɔfo no, asemmisa a ɛho hia no ne sɛ: So yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de aboa afoforo ma wɔahyɛ wɔn agyirae ama nkwagye wɔ Paradise?
8 Sɛ asɛyɛde afoforo mma yɛn kwan sɛ yɛde nnɔnhwerew pii bɛka asɛm na yɛakyerɛkyerɛ mpo a, so yebetumi ayɛ nnam kɛse ara denam bere a yedi wɔ asɛnka mu a yɛde bedi dwuma yiye kɛse no so? Momma yɛmfa teokrase ntetee ho nhyehyɛe horow a ɛwɔ asafo no mu nyinaa nni dwuma kɛse, nhwehwɛ Yehowa mmoa denam mpaebɔ so na yennya anidaso wɔ yɛ a ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛtrɛw yɛn kyɛfa wɔ agyiraehyɛ adwuma a wofi soro de ahyɛ yɛn nsa mu no mu.—Fil. 4:13.