Emu Nsɛm
March 15, 2011
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
May 2-8, 2011
Momma Yennya Onyankopɔn Honhom, Ɛnyɛ Wiase Honhom
KRATAFA 8
May 9-15, 2011
Momma Yɛmfa Yɛn Ho Nto Yehowa so Bere a Awiei no Rebɛn No
KRATAFA 12
May 16-22, 2011
KRATAFA 24
May 23-29, 2011
Ma W’ani Nna Hɔ Sɛnea Yeremia Yɛe No
KRATAFA 28
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
ADESUA ASƐM 1 KRATAFA 8-12
Nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia da wiase honhom no adi. So ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛyɛ soronko? Saa adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea wiase honhom no betumi anya yɛn. Yɛbɛsan nso asusuw nea yebetumi asua afi nea Yesu yɛe wɔ Onyankopɔn honhom a onyae no ho.
ADESUA ASƐM 2 KRATAFA 12-16
Yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no kyerɛ dɛn? Yebehu wɔ saa adesua yi mu sɛ ɛkyerɛ pii sen ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa wiase foforo no ho a yebegye adi kɛkɛ. Nea ɛka ho bi ne sɛ, yebefi yɛn koma nyinaa mu agye n’akwankyerɛ ne ne gyinapɛn atom na yɛapo wiase no de.
ADESUA NSƐM 3, 4 KRATAFA 24-32
Saa adesua nsɛm yi bɛma yɛahu sɛnea Noa ne n’abusua, Mose, ne Yeremia siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma a na wɔde ahyɛ wɔn nsa no, na ama wɔde wɔn ani ahu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu. Hwɛ nea wubetumi asua afi saa mmarima yi hɔ ne su a wɔdaa no adi no mu.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
3 Mfa Nsusuwii Hunu Nnaadaa Wo Ho
17 Wowɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudi Ahurusi
20 Munnnyaw Mo Mfɛfo Gyidifo Da